“Adwene A Mewɔ Wɔ Oduruyɛfo Adwuma Ho Asakra”
AKANE, abeawa a wadi mfe anan, a ɔwɔ Osaka, Japan, no nyaa komayare a na emu yɛ den ma enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no koma mu oprehyɛn kɛse bi. N’awofo srɛɛ nnuruyɛfo no sɛ wɔnyɛ oprehyɛn no a mogya nka ho.a
Koma mu oprehyɛn a wɔyɛ mmofra a mogya nka ho no yɛ den esiane wɔn mogya a esua nti. Wɔ Akane asɛm no mu no, nnuruyɛfo no penee so sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn no a mogya nka ho. Esiane nnuruyɛfo no ahokokwaw a ɛkyɛn so nti, Akane oprehyɛn no yɛɛ yiye. Ne ho tɔɔ no ntɛm, na mprempren ɔwɔ apɔwmuden a ɛfata.
Akane maame kyerɛw krataa kɔmaa nnuruyɛfo a wɔyɛɛ oprehyɛn no, na ɔde Akane mfonini a na otwae nkyɛe kaa ho. Ɔyarehwɛfo a ɔma ɔyarefo da nnahɔɔ bi kyerɛw krataa kɔmaa Akane maame. Ne Krataa no fã bi kenkan sɛ:
“Anwonwakwan so apɔwmuden a Akane nyae no yɛ yɛn anigye. Bere a mihuu mfonini fɛfɛ a wode hyɛɛ krataa no mu no, sɛ manyere me ho a anka misui. Ɛnyɛ oprehyɛn no den a na ɛyɛ nti, na mmom, nsonsonoe a ɛda mo gyidi ne me de ntam no na ɛhaw me kɛse. Seesei, esiane osuahu yi nti, adwene a mewɔ wɔ oduruyɛfo adwuma ho asakra. Ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo de ntease a emu yɛ den a wɔwɔ wɔ ayaresa ho nimdeɛ mu di dwuma de gye nkwa, nanso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nidi ma ɔyarefo no ne n’apɛde nso.”
[Ase hɔ asɛm]
a Nea ɛne Asomafo no Nnwuma 15:29 hyia no, Yehowa Adansefo twe wɔn ho fi mogya ho, a mogya a wɔde ma ka ho. Nanso, wogye ayaresa biara a mogya nka ho no tom.