Atakraboa Bi A “N’ase Atɔre” A Wɔasan Ahu No
DƐN na ne kɛse te sɛ fie akokɔbere a ɔwɔ ano kɔkɔɔ te sɛ akoo de, na ne ho ntakra yɛ kɔkɔɔ ne bruu, ontu, na wobuu no sɛ n’ase agu fi 1900 kosi 1948 no? Ade foforo a ɛbɛma woahu ni: Wohu no wɔ New Zealand nkutoo na wɔde Maori din frɛ no. Ɛno ne takahe, anaa Notornis mantelli hochstetteri.
Saa ntakraboa a wɔn ani ate yi di afe no mu fã kɛse wɔ Murchison ne Kepler a ɛwɔ Fiordland, New Zealand Kesee Fam Supɔw no kesee fam atɔe no mmepɔw so. Nanso, wɔakyere bi asie, te sɛ nea wɔatwa ho mfonini wɔ ha yi a ɛwɔ Te Anau baguam agodibea ketewa no. The Illustrated Encyclopedia of Birds ka sɛ saa atakraboa kɛse (a wɔn tenten reyɛ adu sentimita 63) yi “so atew kɛse esiane mmoa afoforo a wɔde wɔn ba hɔ a wɔne wɔn pere aduan ho anaa wɔkyere wɔn we nti.” Ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn asie reyɛn wɔn ne ahobammɔ a wɔde ma wɔn na mmoa afoforo ankyere wɔn anwe no, wɔda so ara wɔ asiane mu.
Nhoma koro no ara ka sɛ “nnua aba ne sare a ɛyɛ mmerɛw na odi.” Nanso ɛsɛ sɛ ɔne “ɔforote a wɔde no aba no pere aduan ho, na ne ho taa kam.” Momma yɛnhwɛ kwan sɛ saa atakraboa soronko yi renyera mfi New Zealand mmoa a wɔn ho yɛ na no mu.