Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 7/8 kr. 32
  • “M’ani Gye ho sɛ Mesua Pii”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “M’ani Gye ho sɛ Mesua Pii”
  • Nyan!—1994
Nyan!—1994
g94 7/8 kr. 32

“M’ani Gye ho sɛ Mesua Pii”

ƆBARIMA bi a ofi Colorado, U.S.A., na ɔkyerɛwee nea ɛwɔ atifi ha yi wɔ krataa bi mu kɔmaa wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi wɔ December, afe a etwaam no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Ɛwom sɛ nnipa pii remmu me sɛ nyamesomni de, nanso migye di bere nyinaa sɛ ɔkwan biara so pii wɔ asetram sen nea yehu ne nea yɛte ho asɛm wɔ yɛn da biara da asetram no. Nyamesom ho hia me bere nyinaa, ɛwom sɛ minni asɔre pɔtee bi mu de.

“Nanso, nnansa yi, mihyiahyia ahohia a mete nka sɛ minni ahoɔden a mede begyina ano. Ofie ne adwumam nsɛm ama manya dadwen kɛse asen nea mahyia pɛn biara. . . .

“Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ bere a m’abasamtu no mu yɛɛ den paa no, mikohuu mo nhoma no biako wɔ nhomatɔnbea bi. Mo nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Agya Kronkron no ho no ma abotɔyam, na m’ani gye ho sɛ mesua pii, nanso mintumi nhu faako a menkɔ.

“M’ani bɛsɔ mmoa biara a mubetumi de ama me na ama masua mo, Yehowa Adansefo, ne mo gyidi ahorow ho nsɛm afoforo no kɛse. Sɛnea mekae no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mikohuu mo nhoma no biako bere a na m’abasamtu no mu ayɛ den paa no—ebia ɛyɛ akwankyerɛ a efi soro.”

Wɔkɔmaa saa barima yi nhoma bi a ɛka Yehowa Adansefo gyidi ahorow a egyina Bible so ho asɛm a wɔato din Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nhoma a akyi yɛ den a ekura nkratafa 256 yi bi anaa wopɛ sɛ wɔne wo yɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

[Kratafa 32 mfonini]

Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena