Nyan! Dodow a Wotintim ma Ne Ho Dwiriw No
NYAN! ɔkenkanfo bi a ɔte Minnesota, U.S.A., yɛ adwuma wɔ sukuu bi a na nsu mu abɔde ho nimdefo Sam LaBudde rebɛma ɔkasa bi a wɔato din sɛ “Ɛhe na Asuboa a Wɔfrɛ no Dolphin no Afa?” wɔ hɔ. Bere a ɔkae sɛ wɔafa n’asɛm bi aka wɔ Awake! a wɔato din “Drift-Net Fishing on the Way Out?” (May 22, 1992) mu no, ɔde nsɛmma nhoma no kɔe bere a ɔrekotie ɔkasa no.
“Mekyerɛwee asɛm tiawa bi a na mepɛ sɛ Owura LaBudde kenkan wɔ nsɛmma nhoma no so. Mekyerɛwee sɛ misusuw sɛ n’ani begye sɛ obehu sɛ wɔbɛkyekyɛ saa asɛm a ɛyɛ anigye no wɔ wiase nyinaa wɔ kasa ahorow pii mu, na wotintim nsɛmma nhoma no biara a ɛba no bɛboro 13,000,000. Mekyerɛwee me din, buee Awake! no mu too ɔkasafo pon no so, na mesan kɔtraa ase.
“Ankyɛ na mihui sɛ ɔbarima bi akogyina ɔkasafo pon no ho a wafa nsɛmma nhoma no afi ase rekenkan. Simma kakra bi akyi no, ɔmaa ne ti so na ɔteɛm bisae sɛ ebia nea ɔde nsɛmma nhoma no bae no wɔ hɔ a. Bere a memaa me nsa so kae sɛ ‘Ɛyɛ me’ no, osiane bɛtraa me nkyɛn. Ɔdaa me ase wɔ nsɛmma nhoma no ho, na ɔkae sɛ sɛ obi ka nea watumi ayɛ wɔ n’adwuma mu ho asɛm a, n’ani sɔ. Nanso na ɔte nka sɛ ebia midii mfomso na mekae sɛ wotintim nsɛmma nhoma no biara a ɛba no 13,000,000 no. Ná ɔte nka sɛ mekyerɛ 13,000. Mebuee nsɛmma nhoma no mu kratafa a edi kan no de kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ 13,000,000. Ne ho dwiriwii no. N’ani gyei yiye wɔ kasa dodow a wotintim nsɛmma nhoma no wom no ho [mprempren kasa 74]. Ná osusuw sɛ United States nkutoo na wɔkyekyɛ nsɛmma nhoma no, nanso mekyerɛɛ no sɛ wɔyɛ no wɔ wiase nyinaa.”
Sɛ wopɛ sɛ wokra Nyan! a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.