Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 3-4
  • Akenkan ne Akyerɛw a Wonnim—Ɛyɛ Wiase Nyinaa Haw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akenkan ne Akyerɛw a Wonnim—Ɛyɛ Wiase Nyinaa Haw
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhomanim Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu
    Nyan!—1994
  • Ɔhaw a Ɛrenya Nkɔso a Ɛfa Akenkan Ho
    Nyan!—1986
  • Nkurɔfo a Wɔboa Wɔn Ma Wohu Akenkan
    Nyan!—1994
  • Wɔkyerɛw Onyankopɔn Nsɛm a na Wɔka No—Sɛnea na Tete Kristofo Bu Akyerɛw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 3-4

Akenkan ne Akyerɛw a Wonnim—Ɛyɛ Wiase Nyinaa Haw

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ

ALMAZ te Ethiopia. Bere a ne babea yaree no, dɔkta bi maa no aduru a ɛwɔ toa mu. Nanso na Almaz ntumi nkenkan toa no ho nhu nea ɛfata sɛ ɔde ma abofra no—dodow ahe na ɔde bɛma no, na ɛbere bɛn na ɛsɛ sɛ ɔde ma no? Onyaa no yiye sɛ ofipamfo bi tumi kenkan sɛnea ɔde aduru no bedi dwuma no. Ɔde aduru no maa abofra no ɔkwan a ɛfata so na ne ho tɔɔ no.

Ramu yɛ okuafo wɔ India. Bere a ɛbae sɛ ne babea bɛware no, osii gyinae sɛ ɔde n’asase besi awowa de agye sika afi ne kurom hɔni bi a ɔbɔ bosea hɔ. Esiane sɛ onnim akenkan ne akyerɛw nti, ɔde ne nsa tim krataa bi a na ɔnte nea wɔakyerɛw wɔ so ase no so. Asram bi akyi no Ramu behui sɛ krataa a ɔde ne nsa hyɛɛ ase no mu nsɛm kyerɛ sɛ watɔn n’asase no—afei de na n’asase no akɔyɛ onipa foforo de.

Michael yɛ adwuma wɔ afuw kɛse bi mu wɔ United States. N’adwumam panyin ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa aduru a wɔde fra anantwi aduan mu mma wɔn. Michael huu kotoku abien a wɔakyerɛkyerɛw ho sɛ egu apata no ase, nanso wantumi ankenkan nkyerɛwee a ɛwɔ ho no. Ɔfaa nea enye no. Nna dodow bi akyi no, anantwi no wuwui. Michael maa wɔn awuduru dii. Woyii no adi ntɛm ara.

Akenkan ne akyerɛw a Michael nnim maa n’adwuma bɔɔ no. Ɛmaa n’adwumawura hweree anantwi akɛse kuw biako. Ɛmaa Ramu asase fii ne nsa. Anka ebetumi ama Almaz ahwere ne ba no.

Sɛnea UNESCO (Amanaman Nkabom asoeɛ a ɛhwɛ nhomasua, nyansahu, ne amammerɛ ho nsɛm so) kyerɛ no, nea ɛboro nnipa a wɔanyinyin a wɔwɔ wiase no anan biara mu biako—mmarima ne mmea a wɔboro ɔpepem 960—na wonnim akenkan anaa akyerɛw.a Wɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse mu no, wɔn a wɔanyinyin abiɛsa biara mu biako nnim akenkan ne akyerɛw. Te sɛ Almaz, Ramu, ne Michael no, saa nnipa ɔpepem pii yi ntumi nkenkan nsɛm a wɔakyerɛw wɔ borɔn so, atesɛm krataa mu, anaa Bible mu asɛm bi nte ase. Akenkan a wonnim no ma wɔhwere nsɛm pii a ɛwɔ nsɛmma nhoma ne nhoma ahorow mu no. Wontumi nkyerɛw krataa anaa wɔnhyehyɛ kratasin bi so nsɛm mpo. Wɔn mu pii ntumi nkyerɛw wɔn din mpo. Esiane sɛ wonnya kwan wɔ nnwuma a egye akenkan ne akyerɛw kakra mu nti, wɔn mu pii nnya adwuma nyɛ, wontumi nna wɔn mmɔdenbɔ adi, na wonnya nkɔso.

Nnipadɔm bi a wɔanyinyin a wonim akenkan ne akyerɛw mfiase ara kwa no nka saa akontaabu yi ho—wɔn a wotumi kenkan nneɛma nkentenkete nanso ɛnnɔɔso sɛ ɛbɛma wɔatumi akenkan na wɔakyerɛw da biara da mu nsɛm a emu yɛ den no. Wɔ United States nkutoo no, mpanyimfo a wonim akenkan ne akyerɛw mfiase ara kɛkɛ yi dodow si ɔpepem 27.

Na mmofra nso ɛ? Ɛwom sɛ akontaabu no nni mũ, efisɛ wɔnyɛɛ nhwehwɛmu wɔ aman nyinaa mu de, nanso United Nations Children’s Fund (Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ mmofra ho nsɛm so) bu akontaa sɛ wɔ wiase nyinaa no, mmofra a wɔasõ sukuukɔ ɔpepem 100 nan rensi sukuu dan mu da. Afoforo ɔpepem 100 nso renwie mfiase sukuu mpo. Nokwarem no, UN Department of Information (Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ amanneɛbɔ so) kyerɛ sɛ mmofra a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse nkuraase no mu fã pɛ na wɔkɔ mfiase sukuu boro mfe anan. Na wɔ aman a wodi yiye binom mu no, mmofra pii de bere pii hwɛ television sen nea wɔde kɔ sukuu.

Mpɛn pii no, mmofra a wonnim akenkan ne akyerɛw nyinyin bɛyɛ mpanyimfo a wonnim akenkan ne akyerɛw. Dɛn na ɛde wiase nyinaa asɛnnennen yi ba? Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa obi a wanyin a onnim akenkan anaa akyerɛw? Yebesusuw nsemmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea UNESCO kyerɛ no obi a onnim nhoma ne onipa a wadi mfe 15 anaa nea ɛboro saa a ontumi nkenkan asɛm tiawa nte ase anaasɛ ontumi nkyerɛw ɔno ankasa ne ho asɛm tiawa bi.

[Kratafa 3 mfonini]

Sɛ wɔkyɛ mpanyimfo a wɔwɔ wiase nyinaa mu anan a biako nnim akenkan ne akyerɛw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena