“Ɛte sɛ Nea Worehwɛ Yesu Asetra ho Sini”
Ɔbea bi a ɔwɔ France de Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no kenkan toto sini a ɛte saa a wɔhwɛ ho. Nhoma no bɔ mmɔden ka Yesu asase so asetra mu dwumadi biara a wɔaka ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu. Wɔabɔ mmɔden ahyehyɛ nsɛm no nnidiso nnidiso sɛnea esisii pɛpɛɛpɛ. Ɔbea no kyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Bere a mekenkan nhoma no wiei no, metee nka sɛnea Yesu ato nsa afrɛ me sɛ memmɛka ne ho, memmɛtra ne nkyɛn pɛɛ, memmenya n’anigye, ne nkate, ne tiaa mu no, ne som adwuma no fã biara mu kyɛfa. Nokwarem no mfonini fɛfɛ no ma wuhu wɔn a wɔne Yesu nantewee no nkate ne wɔn su ahorow ne Yesu ankasa mpo de. Sɛ wotra ase da koro kenkan nhoma no fi ne mfiase kosi n’awiei a, ɛte sɛ nea worehwɛ Yesu asetra ho sini pɛpɛɛpɛ.”
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka saa nhoma a ekura nkratafa 448 a wɔde krataa a ɛyɛ den adura ho no biako anaa wɔne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua ho hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, P. O. Box 760, Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.
[Kratafa 32 mfonini]
ONIPA A ƆSEN BIARA A WATRA ASE PƐN