Ɔtorɔm Ma Agyata Anim Gu Ase
WƆ SOUTH AFRICA wɔ afe a etwaam no mu no, ɔtorɔm kɛse bi—ɔtorɔm nini—begyinaa Lowveld ahɔhodan fɛfɛ a esi mmoa yɛmmea hɔ no anim. Ná n’ani abere ayɛ krado ama nea ebesi biara, enti anyɛ nwonwa koraa sɛ ne ho yɛɛ ɔtorɔm foforo a ɔwɔ hɔ dedaw no abufuw wɔ anuɔdensɛm a ɔde atoa no wɔ n’asase so yi ho. Obi a na ɔwɔ hɔ kaa ɔtorɔm a ɔwɔ hɔ dedaw no ntua ho asɛm sɛ: “Ɔporow ne hwenem, de ne nan pempem fam, na ogyinae sɛnea ɔrebɛto ahyɛ ɔhɔho no so. Bere a ɔtorɔm a ɔwɔ hɔ dedaw no pem ɔfoforo no, dedaw no ankasa bɔɔ hu kɛse.” Ɔtorɔm hɔho no antu ne nan. Ɔtorɔm nini a ɔwɔ hɔ dedaw no san pem no bio. Nanso ankosi hwee. Bere a nkogudi ama ne bo afuw na mfutuma pii aba hɔ no, “obubuu nnua a ɛbemmɛn hɔ nyinaa ansa na ɔreguan.” Ɔnsan mmae bio, na ebia osusuw sɛ ɔhɔho no yɛ nea wontumi mmoro no.
Kwae mu ahemfo no nso antumi no. Mmoa yɛmmea sohwɛfo Carlson Mathebula bɔɔ amanneɛ sɛ agyata 12 betwaa ɔtorɔm nini hɔho no ho hyiae. Ɔkaa wɔne no ntɔkwaw no ho asɛm sɛ: “Mpofirim agyata bere abien fii ase to hyɛɛ ne so. Obiako de mmobom kɛse huruw gyinaa n’akyi na ɔfoforo no faa ne nkyɛn mu kɔpem ne kɔn. . . . Ehu kaa wɔn abien no nyinaa maa wɔhwehwee ase a wɔantumi anyɛ hwee. Gyata bere foforo nso kɔkaa ntɔkwaw no ho. Ɔde mmirika a emu yɛ den yiye kɔpem ɔtorɔm no nan, a na anka ɔde rebɔ mmɔden de no ahwe fam, nanso wanka ne ho.” Tumi a wɔantumi amfa saa ɔtorɔm no anhwe fam no maa agyata l2 no bo fuwii yiye araa ma “wɔsɛee afiri a wɔde susuw nsu dodow a ɛtɔ, afiri a wɔde gugu afuw so nsu ne nkongua a esisi aboboano hɔ ansa na wɔde aniwu reguan.”
Ɔtorɔm nini hɔho no apam atorɔm kuw no afi wɔn asase so na wama agyata a wɔyɛ ahantan no aguan, bere a wantu ne nan. Amanneɛbɔ a epuee Sunday Times a ɛwɔ Johannesburg, South Africa mu no, kaa saa ɔtorɔm yi ho asɛm sɛ ɔtorɔm soronko a ne mu duru yɛ kilogram 300 a wɔde kɔbere mfrafrae ahyɛ da ayɛ. Owura Keith Calder a ɔyɛɛ dade torɔm no kae sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ agyata ne atorɔm no huu no sɛ aboa ankasa.”