Ɔkokorani Sua Nokware No
Wɔ Djibouti, Afrika, no, Katolekni ɔkokorani bi a wɔfrɛ no Louis Pernot gyee nhoma Your Youth—Getting the Best Out of It biako fii Yehowa Ɔdansefo bi hɔ. Ná Louis a ɔyɛ Katolekfo sukuu bi ɔkyerɛkyerɛfo panyin no bisa nea enti a ne som no mfa nsɛm a emu da hɔ pefee mmoa mmofra mma wonni wɔn nsɛnnennen ho dwuma.
Saa anwummere no ara Louis fii ase kenkan Youth nhoma no. Nokwarem no, n’ani gyee ho ara ma wantumi annyae ne kan. Osusuwii sɛ ɛsɛ sɛ nokware som de akwankyerɛ pa a emmu Bible nkyerɛkyerɛ so ma nnipa, na afei na wanya nhoma a ɛte saa!
Adekyee no, Louis ka kyerɛɛ Ɔdansefo a ɔde nhoma no maa no no sɛ wahu nokware no. Wɔ saa dapɛn no ara mu no, ɛnyɛ asɔfodi no nko na ogyae na mmom ogyaee Katolek asɔre no nso. Ɔbɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo na ofii ase kyerɛkyerɛɛ Bible no mu nokware a wasua no.
Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam ahyehyɛde a Bible asuafo bɛboro ɔpepem anan a wɔde wɔn ho ama reboa nkurɔfo ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nsɛm na wɔwom. Sɛ wopɛ sɛ wunya eyi ho nsɛm afoforo anaa wo ne Yehowa Adansefo yɛ ofie Bible adesua a wontua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P.O Box 760, Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.