Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 6/8 kr. 32
  • Nyan! Ho Anisɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyan! Ho Anisɔ
  • Nyan!—1993
Nyan!—1993
g93 6/8 kr. 32

Nyan! Ho Anisɔ

YƐN nsa aka nkrataa ɔhaha pii a wɔde kyerɛ August 22, 1992 Awake!, a asɛm “Chronic Fatigue Syndrome​—How to Deal With It” (Daa Ɔbrɛ ho Nsɛnkyerɛnne​—Sɛnea Wodi ho Dwuma) wom no ho anisɔ. Ahohuru bere a etwaam mu no, oduruyɛfo bi a ofi Tennessee, U.S.A., kyerɛwee sɛ:

“Wɔ August da a ɛto so 22 ne 23 no, memaa ɔkasa ahorow kyerɛɛ akuw abien wɔ California kusuu fam. Ná m’asɛmti ne: Daa Ɔbrɛ ho Nsɛnkyerɛnne.

“Wɔn a wɔkɔɔ Pasadena nhyiam no biako maa me August 22, 1992 Awake! no bi, na makenkan anim asɛm no mprenu. Merekyerɛw akamfo mo wɔ sɛnea mokyerɛkyerɛɛ ɔyare a ɛda so ara yɛ nwonwa na wɔntaa nte ase mu no ho. Ná ɛne asɛmti no ho asɛm a eye sen biara a makenkan pɛn​—na makenkan bebree.”

Wɔ October mu no, Yehowa Ɔdansefo bi a ofi Illinois, U.S.A., a ɔyare bi no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛde besi nnɛ anɔpa no, mede nsɛmma nhoma a ɛka daa ɔbrɛ no ho nsɛm no 319 amema. Mede memaa adufrafo, sotɔɔ a wɔtɔn nnuan a ahoɔden wom ahwɛfo, mogya akorae adwumayɛfo, ayarehwɛfo, ne aduruyɛ nhomakorabea so ahwɛfo.

“Ayaresabea akuw gyee bi maa nnuruyɛfo. Adwumayɛfo a me ne wɔn kasae no kae sɛ wɔbɛhwɛ ma nnuruyɛfo no nsa aka wɔn de. Ebinom mpo bisaa me telefon nɔma, efisɛ ebia na wohia nsɛmma nhoma no bi aka ho.”

Yehowa Adansefo a wɔyɛ amanaman ntam ahyehyɛde a Bible asuafo bɛboro ɔpepem anan na wɔwom, na wotintim Nyan! Ɛnyɛ sɛnea akenkanfo betumi adi nnɛ ɔhaw ahorow ho dwuma nkutoo na nsɛmma nhoma no kyerɛ wɔn. Ɛma wonya awerɛhyem wɔ Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a asomdwoe ne ahobammɔ wom ho no mu. Yehowa Adansefo de wɔn ho ama reboa nkurɔfo ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nsɛm pii.

Sɛ wopɛ sɛ wunya eyi ho nsɛm afoforo anaa ofie Bible adesua a wontua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Awake!

Chronic Fatigue Syndrome

How to Deal With It

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena