Nnipa A Wodwen Afoforo Ho
YEHOWA ADANSEFO yɛ amanaman ntam ahyehyɛde a Bible asuafo bɛboro ɔpepem anan, a wɔakyekyɛ wɔn mu ayɛ wɔn asafo ahorow bɛboro 69,000 wɔ wiase nyinaa na wɔwom. Ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo atu wɔn ho ama sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw ho ade pii nko, na mmom wɔdodɔ wɔn ho sɛnea Yesu Kristo hyɛe no. (Yohane 13:34, 35) Wɔda ɔdɔ yi adi wɔ akwan pa so.
Sɛ́ nhwɛso no, bere bi a atwam no, Adansefo bɛyɛ 30 a wofi San Marcos Apuei Fam California Asafo no mu hyiaam Memeneda bi anɔpa nnɔnsia sɛ wɔrebedidi. Na wodwen adwuma titiriw bi ho—sɛ wɔbɛboa asafo no mufo a wohia mmoa na wɔatumi ahwɛ wɔn fie.
Wɔn a na wohia mmoa no bi ne awofo a wonni ahokafo, akunafo, ne awarefo a wɔn mfe akɔ anim. Na nneɛma a ehia sɛ wɔyɛ ma wɔn no bi ne wɔn adan suhyɛ a wobesiesie, lɔre akwan a wobetuatua so ntokuru, ahobammɔ nkanea a wɔbɛyɛ, ɔdan a wɔde kar si mu pon a wobesi, ɔdan a wɔbɛka ho aduru, nnua a wobetwitwa so, ne nnwuma afoforo. Wofii ase siesiee wɔn ho maa adwuma no bɛboro ɔsram biako ansa na wohuu ahiade ahorow no na wɔn nsa kaa ho nneɛma.
Saa Memeneda a wɔhyɛe no, wɔyɛɛ ahosiesie a etwa to wɔ anɔpa adidi ase. Wɔhyehyɛɛ adwumayɛ akuw, na emu biara nsa kaa wɔn nnwuma pɔtee. Mmea no yɛɛ nnɔkɔnnɔkɔwade a awia aduan a wobedi ka ho. Ɛnyɛ wɔn a wosiesiee wɔn afie no nkutoo na wonyaa mfaso kɛse fii da no dwumadi no mu, na mmom asafo no muni biara.