“Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nsɛm a Obiara Anigye ho a Ɛsen Biara Wɔ Wiase”
SAA na krataa bi a wɔkyerɛw kɔmaa Nigeria baa dwumadibea no kaa Nyan! ho asɛm. Ɔkyerɛwfo no kyekyerɛɛ mu sɛ:
“Me ne Eko nsɛmma nhoma, kuropɔn mu nsɛmma nhoma bi a Newswatch, Nigeria nsɛmma nhoma a ɛka wiase nsɛm a wɔkan no kɛse sen biara tintim no na ɛyɛ dwuma. Ɛwom sɛ menyɛ Ɔdansefo de, nanso meyɛ obi makɔ so akra Nyan! fi 1985. Da bi a na yɛreyɛ Eko a na edi hɔ no, migyaa Nyan! a na merekenkan [April 22, 1991,Awake] no wɔ ɔpon so sɛ merekɔyɛ adwuma ketewa bi.
“Me nnamfo no mu biako fae sɛ ɔrehwehwɛ mu ara kɛkɛ, nanso ogyee bere kan awaregu ho nsɛm no nyinaa. Onipa foforo gyee nsɛmma nhoma no fii ne hɔ, ɔfoforo bi nso gyee, ne ɔfoforo nso. Wɔn mu biako a ɔyɛ Ortodɔks Kristoni ka kyerɛɛ me sɛ ɔtaa bu n’ani gu Nyan! so na onsusuw ho da sɛ mubetumi akyerɛw ‘nsɛm a ɛyɛ anigye na ɔkyerɛkyerɛ wom a ɛyɛ nwonwa saa da,’ na ntɛm ara obisaa me ɔkwan a ɔbɛfa so akra bi ho asɛm. Ɔfoforo nso ka kyerɛɛ me sɛ bere biara a me nsa bɛka no memfa mma no ma ɔnkan bi. Nokwarem, minni ɔpɛ biara sɛ mɛba abɛyɛ Ɔdansefo, nanso minnuu me ho da sɛ misii gyinae kraa Nyan! no. Meda mo ase, na mema mo ayikoo wɔ mo nsɛmma nhoma a ɛka nsɛm a obiara ani gye ho a ɛsen biara wɔ wiase no ho.”
Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam ahyehyɛde a Bible asuafo bɛboro ɔpepem anan a wɔatu wɔn ho ama reboa nnipa ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw horow ho nneɛma pii na wɔwom.
Sɛ wopɛ sɛ wunya eyi ho nsɛm afoforo anaa ofie Bible adesua a wontua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P.O.Box 760, Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.