Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 4/8 kr. 32
  • Onyamesom Hokwan A Wɔma​—Mfe 500 Akyi!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyamesom Hokwan A Wɔma​—Mfe 500 Akyi!
  • Nyan!—1993
Nyan!—1993
g93 4/8 kr. 32

Onyamesom Hokwan A Wɔma​—Mfe 500 Akyi!

MFE ahanum a atwam ni no, Christopher Columbus de po so hyɛn fii Spain. Aka da koro pɛ ma Columbus afi hɔ no, nsu mu ahyɛn akuw foforo fii Spain kɔɔ beae foforo. Columbus ne ne mmarima no de nkonimdi san bae, bere a wɔahu nsase afoforo. Nanso hyɛn afoforo no mufo a ankɔ yiye amma wɔn no de, ná wɔremma wɔn kurom bio.

Henanom ne saa nkurɔfo yi, na dɛn nti na wotwaa wɔn asu fii wɔn ankasa asase so? Ná wɔyɛ Spain Yudafo. Adapɛn abien ansa na aban no repene Columbus akwantu a ohuu ade foforo wɔ mu no so no, na Ferdinand ne Isabella, Spain Katolekfo atumfo no ahyɛ mmara sɛ wɔmpam Yudafo a wɔwɔ Spain nyinaa na “wɔmma hɔ bio.” Wɔbɔɔ Spain Yudafo no sobo sɛ wɔayɛ bɔne atia Katolek gyidi kronkron no.

Saa ahyɛde yi, ne Katolekfo atirimɔdenne a nnansa yi wɔde sii hɔ no, fii ɔsatu bi ase na wɔama Katolek som nkutoo hokwan wɔ Spain. Wotuu Yudafo no ni hɔ akyi mfe du no, wotwaa Moorfo a wodii nkramosom akyi no nso asu. Na atirimɔdenne no siw Protestantfo kuw biara a wofii ase ano ntɛm. Columbus a ɔreda n’akyidifo a wɔyɛ atumfo a wonni afoforo ho koma honhom no bi adi no kae sɛ wɔmmma Yudafo kwan mmma wɔnnkɔ asase biara a obehu so.

Nyamesom afoforo hokwan a wɔmma honhom no kɔɔ so wɔ Spain de besii afeha yi mpo mu. Wɔ Francisco Franco kankabi nniso ase no, Katolek som no nkutoo na enyaa “mmara mu ahobammɔ.” Wɔkyeree nnipa a wɔpaw sɛ wobedi nyamesom gyidi foforo akyi no mu pii a na wɔnyɛɛ bɔne biara. Wɔde Yehowa Adansefo a wɔwɔ Spain no too afiase sɛ wɔasɔre atia Spain honhom fam biakoyɛ. Wɔ 1959 mu no, aban nanmusifo Camilo Alonso Vega hyɛe sɛ polisifo mfi ase “nsiw” Adansefo no dwumadi ahorow ano. Nanso nea ɛyɛ anigye no, tebea no asakra.

Mfe ahanum pɛpɛɛpɛ a Juan Carlos a ɔyɛ Spain mampanyin ne ɔhene no mfɛfo a wodii n’anim bae no hyɛe sɛ wɔmpam Yudafo, wɔ March 31, 1992 mu no, ɔkɔsraa Madrid hyiadan bi mu de yɛɛ Spainfo Tumidi ne Spain Yudafo a wɔpam wɔn no asefo sɛnkyerɛnne kwan so nhyiam bi.

Spain aban soafo a ɔhwɛ atemmu so, Tomás de la Quadra-Salcedo kae sɛ: “Yɛasakra hokwan a na wɔmma wɔ Spain no.” Mprempren, Yudafo, Nkramofo, ne Protestantfo som a wonsiw wɔn kwan. Na Yehowa Adansefo nni anohyeto ase bio. Nkramofo asɔredan foforo ne hyiadan ne afei Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Spain no wɔ Madrid. Wobu Adansefo no, a wɔwɔ nnipa bɛboro 90,000 a wɔyɛ hyew no sɛ ɔsom a ɛnyɛ Katolek de a wɔdɔɔso sen biara wɔ Spain.

Sɛ wopɛ sɛ wunya Yehowa Adansefo ne wɔn gyidi ahorow ho nsɛm afoforo a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, P. O. Box 760 Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɔwɛn-Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Spain no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena