“Ɔpepem Pii Na Ɛwom”
ƆPEPEM pii wɔ dɛn mu? Wɔ Georgia Crown Bepɔw a wɔahu sika kɔkɔɔ wɔ mu dedaw no mu. Sɛnea asɛm no kyerɛ no, Ɔbenfo Stephenson na ɔde ɔfrɛ “Ɔpepem pii na ɛwɔ mu” no mae fi Dahlonega asennibea atrapoe so wɔ Georgia, U.S.A., wɔ 1849 mu. Dɛn nti na ɔkaa saa asɛm no? Bere a wofii ase tutuu California sika kɔkɔɔ ho mmirika wɔ 1849 mu no, wɔn a wotu sika a wofi Dahlonega ne Auraria a ɛbɛn hɔ no fii ase kɔɔ atɔe na wɔanya sika kɔkɔɔ pii. Nanso na ɔbenfo no gye di sɛ sika kɔkɔɔ da so wɔ Georgia kusuu fam. Anyɛ yiye koraa no, tete amanneɛbɔ pon bi kae sɛ, “wɔ 1829 ne 1839 ntam no, wotuu sika kɔkɔɔ bɛyɛ $20,000,000 wɔ Georgia Cherokee man no mu.” Nanso na anigye a wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ Atɔe Fam no yɛ kɛse dodo; tete Auraria ho ade a aka ara ne kurow a anka wotu sika wɔ hɔ mu nneɛma gow kakraa bi.
Ade a ɛte saa ara too Empire sikatu adwuma no wɔ Grass Valley, Califonia. Bere a wɔatwa akã kilomita 591, a emu dɔ yɛ kilomita 1.6 akyi no, wogyaee sikatu no wɔ 1957 mu. Na mfaso nni so bio. Ɛnnɛ sikatubea no yɛ ɔman no prama a agye din.
Sika kɔkɔɔ akanyan adesamma anigye mfe mpempem pii. Nanso, ne bo a ɛsom no yɛ nea nnipa hyehyɛ na efi adwenem, a nneɛma bo ne amanaman ntam sika kɔkɔɔ ho aguadi no ma ɛsakra bere biara a ɛpɛ. Nanso, “sika kɔkɔɔ” bi wɔ hɔ a ne bo nkɔ fam da na ɛwɔ hɔ bere nyinaa ma obiara a ofi komam hwehwɛ no. Ɛyɛ dɛn? “Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa.” (Mmebusɛm 3:13, 14) Yiw, bo a nyansa ne ntease a egyina nokware Nyankopɔn no ne n’atirimpɔw ma asase no ho nimdeɛ so som no tra hɔ daa sen sika kɔkɔɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible mu Nyankopɔn no ne wiase foforo a ɔde ahyɛ adesamma mu asoɔmmerɛfo bɔ no ho nneɛma pii a, hu Yehowa Adansefo wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo so, anaasɛ kyerɛw kɔma wɔn a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi.—Hwɛ address ahorow no wɔ kratafa 5.