Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 7/8 kr. 32
  • Mmaranimfo Bi Adwene Wɔ Nkwa Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmaranimfo Bi Adwene Wɔ Nkwa Ho
  • Nyan!—1992
Nyan!—1992
g92 7/8 kr. 32

Mmaranimfo Bi Adwene Wɔ Nkwa Ho

LIFE—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? Nnipa ɔpepem pii asusuw eyi ho. Wotintim nhoma a ekura nkratafa 256 a ɛyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri yiye a ne din wɔ atifi hɔ no wɔ 1985 mu na wɔde ahwehwɛ nsemmisa yi mu. Wɔatintim nhoma yi bɛboro mfuamfua ɔpepem 26 dedaw wɔ kasa horow 28 mu. Mmaranimfo bi a ɔregyae adwuma kenkan wiei no, ofi anisɔ mu kyerɛwee sɛ:

“Wɔ mfe abien a atwam mu no, makenkan no mpɛn anan na adesua a ɛkɔ akyiri, ahokokwaw, ne nsɛm anoboaboa a egyei ansa na wɔyɛe no da so araa yɛ me nwonwa.

“Mesrɛ mo monkɔ so ntintim. Ɛsɛ sɛ onipa biara a ɔwɔ wiase nsa ka nhoma yi bi. Sɛ ɛba saa a, beae a yefi ne gye a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ho gyidi horow ho akasakasa ne adwene a atu afra no nyinaa begyae ntɛm.

“Mewɔ mmaranim ne amammui mu nyansahu ne abakɔsɛm ho nimdeɛ nyinaa mu abodin, nanso menkae nhoma biara a ɛkyerɛkyerɛ ne nsɛm mu fann wɔ ɔkwan a tumi wom sɛɛ so da. Sɛnea wɔhyehyɛe nhwehwɛmu nhoma ahorow no wɔ akyi no yɛ nea ɛsen biara.”

Sɛ wopɛ asase so nkwa fibea ne n’atirimpɔw ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo kyerɛw brɛ Watch Tower, P.O. Box 760 Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena