Asɔfo Mpanyimfo Kyerɛkyerɛ Nea Enti A Katolekfo Gyae Asɔre No Mu
ƆSƆFO Panyin Francis Arinze a ofi Nigeria kae wɔ Katoiek asɔfo mpanyimfo nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Vatican wɔ April 1991 mu sɛ: “Nsɔre ne nyamesom fekuw afoforo a wɔtetew pii no yɛ yɛn bere yi nyamesom abakɔsɛm mu ade titiriw. Wɔde ahoɔden a ɛdɔɔso bi na edi dwuma.” Wɔbɔɔ eyi ho amanneɛ wɔ Vatican Engiresi kasa mu L’Osservatore Romano a ɛba dapɛn biara no mu. Ɔsɔfo Panyin Ernesto Corripio Ahumada, a ɔyɛ Mexico City ɔsɔfopɔn no kaa ne nsɛm penpen. Ɔkaa ɔsom ahorow a ɛreba foforo a ɛretrɛw no ho asɛm sɛ: “Atoro Kristosom nsɔre a ɛretrɛw ntɛmtɛm ne Yehowa Adansefo ne Mormonfo.” Ɔsɔfo Panyin Angel Suquía Goicoechea a ɔyɛ Madrid, Spain, ɔsɔfopɔn no de Yehowa Adansefo kaa wɔn a “wɔagye ntini wɔ aman pii so no ho.”a
Dɛn nti na saa akuw yi yɛ nam wɔ aman ne mmeae a Katoleksom na ɛwɔ hɔ titiriw yi? Asɔfo mpanyimfo pii maa ho nkyerɛkyerɛmu ahorow. Ɔsɔfo Ricardo J. Vidal, Cebu, Philippines, ɔsɔfopɔn no kae sɛ: “Ɛte sɛ nea ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so yɛ eyi ne Katolek nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe, titiriw Maria som, ahoni a wɔde di dwuma, ahotefo a wɔsom wɔn, bɔneka, asɔfo a wɔmma wɔnware, ne nea ɛkeka ho no a wɔkasa tia tẽẽ no.”
Saa asɛm no yɛ anigye yiye efisɛ ɛnyɛ afeha a edi kan no mu Kristofo no na wɔde nneyɛe yi mu biara bae.b Ɔsɔfo panyin no nsɛm no da Katolek sɔfo panyin foforo Ɔsɔfo Panyin Newman nsɛm a ɔkyerɛw wɔ 1878 mu no adi: “Asɔre adan a wɔde di dwuma na wohyira so ma ahotefo pɔtee bi no . . . , aseda afɔre . . . , nsu kronkron . . . , ahoni a wɔde baa mu akyiri yi . . . , ne nyinaa ti abosonsom mu, na wɔnam Asɔre no mu a wɔde aba no so atew ho.”
Nkyerɛkyerɛmu ahorow bɛn bio na asɔfo mpanyimfo no de ma wɔ nea wɔka sɛ ɛyɛ sɛnea wɔn nguan no ho nyɛ den no ho? Ɔsɔfo Panyin Vidal se biako “ne asɔfo a wobetumi asom nnipa no ankasa, de Katolekfo anokwafo ahiade ahorow ama wɔn no a wonni hɔ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɔre ahorow no tumi ma nnipa pii sakra wɔ yɛn nsasesin no mu no.” Nanso dɛn nti na asɔfo no so ahuan? Ade titiriw a ɛma ɛba saa ne ahwehwɛ de a ennyina kyerɛwsɛm so a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ Latin asɔre no mu asɔfo ware a ɛbae fi afeha a ɛto so 12 mu no. Katolekfo Jerusalem Bible no mpo ka wɔ 1 Timoteo 4, nkyekyem 1 ne 3 sɛ: “Honhom no aka no pen sɛ ebinom bɛman afi gyidi no ho wɔ mmere a edi akyiri no mu . . . Wɔbɛka sɛ wɔabara aware.”—Fa toto 1 Korintofo 9:5; 1 Timoteo 3:1, 2 ho
Katolekfo a wɔrefi asɔre no mu ho asɛnnennen no ano aduru bɛn na Ɔsɔfo Panyin Vidal de ma ne mfɛfo asɔfo mpanyimfo no? “Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no akenkan ne ne sua, ɛho mpae a yɛbɛbɔ na yɛatra ase ma ɛne no ahyia ho asɛnnennen wɔ hɔ.” Na ɛno pɛpɛɛpɛ na Yehowa Adansefo hyɛ nnipa anokwafo nkuran sɛ wɔnyɛ a nea wɔte wɔ asetram anaa wɔn nyamesom mfa ho. Ɛno nti na wɔn botae titiriw ne sɛ wɔbɛka “Ahenni no ho asɛmpa . . . akyerɛ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” ansa na Onyankopɔn de wiase a Satan di so yi aba awiei. Sɛ wopɛ sɛ ‘wokenkan na wusua Onyankopɔn asɛm a wɔakyerɛw’ no a, yɛsrɛ wo hu Yehowa Adansefo wɔ wɔn Ahenni Asa a ɛwɔ mo hɔ no so.—Mateo 24:14,JB; 1 Yohane 5:19.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔ 1991 mu no, na Adansefo bɛboro 320,000 na wɔwɔ Mexico, na bɛboro 88,000 wɔ Spain na 180,000 wɔ Italy.
b Hwɛ nea Bible no ka wɔ Katolekfo nneyɛe horow yi nyinaa ho no wɔ Reasoning From the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc tintimii no nkratafa 254, 183, 352, 80. 42.