Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 4/8 kr. 27-30
  • Nnwom A Wɔbom To De Yi Yehowa Ayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom A Wɔbom To De Yi Yehowa Ayɛ
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afã a Nnwom Wɔ Wɔ Nnɛyi Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Dwom Foforo No
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Dwom Foforo No
    To Dwom Ma Yehowa
  • Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 4/8 kr. 27-30

Nnwom A Wɔbom To De Yi Yehowa Ayɛ

‘NA NNWONTO no gu awɔse na ɛma ani taataa nsu—ɛyɛ dɛ sɛɛ. Na wonhia afiri a wɔde bɔ nnwom biara, na wɔtoo nnwom a wɔde nne ahorow to a na ɛte sɛ biribi hwanyann no a wɔammrɛ koraa. Sɛnea nne ahorow no ne wɔn ho wɔn ho hyiae no yɛ dɛ yiye.’

Nathan H. Knorr a na anka ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no na ɔkaa asɛm yi bere a ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi wɔ Zambia akyi no. Ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Afrikafo ɔhaha pii nne a wɔde too nnwom dɛdɛ kanyan anigye no mu yiye.

Nnwonto yɛ Afrikafo amammerɛ fã. Wɔ Afrika nkuraase no, ɛnyɛ na sɛ wubehu mmea a wɔto nnwom de dɔw, mmofra a wɔto nnwom bere a wokyĩ nantwi nufusu, ne mmarima a wɔto nnwom na wɔsan tĩ mu te sɛ nea wɔde rehyɛ wɔn anantwi nkuran na wɔatwe nnesoa a ɛyɛ duru. Ɛkame ayɛ sɛ wɔwɔ dwom ma dwumadi biara wɔ akuraase hɔ.

Wɔ Afrika sukuu ahorow pii mu no, wɔnam nea wɔfrɛ no soo-faa nhyehyɛe no so na ɛkyerɛ mmofra nnwonto. Dɛn ne soo-faa? Nea ɛkyerɛ ara ne ɔkwan a wɔfa so sua nnwom a ɛne “doo, ree, mii,” a nnwonto ho sini bi maa egyee din mfe bi a atwam ni no. Doo, ree, mii, faa, soo, laa, tii, doo ne Atɔe famfo mfiri a wɔde bɔ nnwom so nsɛnkyerɛnnede awotwe no hyia. Wɔde osiprenu, nkabom sɛnkyerɛnne, nsanhɔ, ne nsensan ahorow di dwuma wɔ nkyerɛwde a wɔde sua nnwom nhyehyɛe yi mu de kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔto dwom no. Wɔahyehyɛ nne ahorow anan (trɛbol, ɔlto, tɛnɔ, ne bees) no nnidiso nnidiso na ɛyɛ nne ahorow yi a wɔka bom no na ɛma wɔto nnwom a ɛkanyan anigye saa no. Pii gye tom sɛ saa kwan yi sua ne ne to yɛ mmerɛw koraa sen nsɛnkyerɛnnede a wɔde sua nnwom a pii de di dwuma no.

Enti, wɔhyehyɛɛ nnwom nhoma Sing Praises to Jehovah, a Yehowa Adansefo de di dwuma no mu nnwom no nyinaa soo-faa wɔ Afrikafo de no nyinaa mu. Nea edi kan no, wɔde nnɔnhwerew pii bɔɔ sanku de tiee sɛnea nnwom no nnyigyei te wɔ nne ahorow anan a wonim no yiye no mu. Afei, wɔdan nne ahorow no mu biara yɛɛ no nkyerɛwde nhyehyɛe a ɛne soo-faa no. Ɛno akyi no, wɔmaa obi a onim soo-faa nhyehyɛe no yiye ma ɔtoo nne ahorow no nyinaa wɔ nnwom no biara mu de hwɛe sɛ nkyerɛwde no mu biara teɛ anaa. Afei wɔde kɔmputa dii dwuma de hyehyɛɛ soo-faa no ma ɛne nnwom no biara mu nsɛm hyiae. Awiei koraa no, wotumi siesiee dwom a ne to yɛ mmerɛw koraa a ɛwɔ kratafa yi ase hɔ no ma wotintimii.

Dɛn na afi mu aba? Afrika Yehowa Adansefo tumi ka wɔn nne bom to nnwom de yi Yehowa ayɛ. Dwom biako mu nsɛm no da sɛnea wɔte nka no adi yiye: “Yɛde nkonim teɛm bɔ yɛn nsam. Pii na wayɛ ama yɛn! Anigyem yɛn nne kamfo no wɔ biakoyɛ dwonto mu.”

[Diagram of kingdom song in sol-fa method on page 30]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena