Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 11/8 kr. 9
  • Ɔwɛn Aban ne Nyan!—Ɛho Anisɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔwɛn Aban ne Nyan!—Ɛho Anisɔ
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Bible No a Yebesi So Dua Kɛse!
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 11/8 kr. 9

Ɔwɛn Aban ne Nyan!​—Ɛho Anisɔ

July 24, 1990, Dutchfo atesɛm krataa NRC Handelsblad no sɛnkyerɛwfo bi kaa eyi faa Nyan! ne nsɛmma nhoma a ɛka ho a ɛne Ɔwɛn Aban no ho sɛ:

‘Mfe aduonu ni no, wɔn a wɔte sɛ me a wɔabu Nyan! ne Ɔwɛn Aban nsɛmma nhoma ahorow [a Yehowa Adansefo tintim] no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ mpo nanso wɔn ani abɔ so ara kwa no ho bedwiriw wɔn nnansa yi. Asesa koraa wɔ sɛnea wɔahyehyɛ emu nneɛma ne nsɛm no nyinaa mu.

‘Kan no, wɔ nsɛmma nhoma abien no nyinaa mu no, nea ɛtwetwe obi adwene kɛse ne mfonini ahorow no: mfonini a ne nyinaa wɔ su koro na ɛwɔ krataa a ne su te sɛ akokɔsrade so. Sɛ mɛkae nsɛm no yiye a, na ɛte sɛ asɛmpa no ho Reader’s Digest, na na ɛka wiase mu nsɛnnennen a emu yɛ den te sɛ ɔko, nnubɔne, ɔbarima ne ɔbea nna ne amammuisɛm no ho asɛm kakraa bi pɛ.

‘Mprempren asesa koraa. Nsɛmma nhoma abien no nyinaa te sɛ nsɛm a esisi mprempren ho amanneɛbɔ nhoma nketewa. Mfonini pii a ɛyɛ fɛ wom . . . Bere ne bere mu no, wubetumi ahu mfonini a obi ayɛ mpo nso, te sɛ asomafo no nhyiam wɔ Anwummeduan a Etwa to no ase no ho mfonini (wɔ Vol. III No. 13 Ɔwɛn Aban no mu) , nanso bere biara a ɛho behia no wɔde mfonini ankasa di dwuma. Ɛda adi sɛ mpɛn pii no Nyan! ka nyansahu ho asɛm. July 8 de no mu asɛm bi fa sum a edurui wɔ ɔsram so afe a etwaa mu no August 16 no ho, ɛkaa nufu a wɔde bɛma nkokoaa, ne abusuabɔ a ɛda dadebo dodow a ɛwɔ obi mogya mu ne dompe mu yare ntam no ne nea etwa to no, asɛm a woakyɛ mu abiɛsa a ɛyɛ adwenhorow a ɛkasa tia ne nea ɛpene mmoa a wɔde wɔn yɛ nhwehwɛmu no ho nsɛm ntiantia.’

Ɔkyerɛwfo no kaa eyi nso ho asɛm: ‘Nyan! dodow a ɛyɛ mfuamfua 11,930,000 wɔ kasa horow 61 mu [mprempren mfuamfua 12,980,000 wɔ kasa horow 64 mu] a wɔkyekyɛ no nti, ɛyɛ nyansahu ho nsɛm fibea a enni kabea ma akenkanfo pii.’

Nokwarem no, sɛnea Ɔwɛn Aban ne Nyan! te no nkutoo na ‘asakra koraa’​—ɛnyɛ mu nsɛm. Mfe du du ni no, nsɛmma nhoma abien yi nyinaa de nsɛm a wɔayɛ ho nhwehwɛmu yiye a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne adesamma anidaso koro pɛ no ama. Nanso yɛn anidaso ne sɛ yɛn nsɛmma nhoma no a ayɛ fɛ no bɛma nnipa pii akenkan na wɔanya emu nkrasɛm a ɛma nkwa no mu mfaso.

[Kratafa 9 mfoni]

Dutch kasa mu “Ɔwɛn Aban” ne “Nyan!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena