Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woma W’ani Gye Nyamesom Afoforo Ho?
Nea nnipa pii nim ne wɔn awofo nyamesom nkutoo na ɛtaa ba sɛ wonnim no yiye. So ɛsɛ sɛ wo nyamesom yɛ nea wɔwoo wo too mu kɛkɛ? Anaasɛ ɛsɛ sɛ wode wo nyamesom toto afoforo ho na wufi nyansa mu paw nea eye?
Mmarima ne mmea afa akwan horow pii so wɔ Onyankopɔn a wɔhwehwɛ no no mu—enti na nyamesom pii wɔ hɔ no—Hindusom, Islam, Budhasom, Yudasom, Shintosom, Taosom, ne Kristosom. So wunim wɔn ntam nsonsonoe? Ɔkwan bɛn so na edi nsɛ? Mankind’s Search for God nhoma a ekura nkratafã 384 no bebua wo nsemmisa no mu pii. Ebetumi ama woahu nokware Nyankopɔn no nso.
Mepɛ sɛ me nsa ka Mankind’s Search for God nhoma a ekura nkratafa 384, a ɛwɔ mfonini fɛfɛ no bi. (Sɛ wunni Ghana a kyerɛw kɔma Watch Tower baa dwumadibea a ɛwɔ beae a wowɔ no. Hwɛ kratafã 5.)
[Picture Credit Lines on page 32]
Soro Benkum so: G. Deichmann, Transglobe Agency, Hamburg
Ase Benkum so: Ladislav Janicek, Transglobe Agency, Hamburg
Ase Nifa so: Camerapix