Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 9/8 kr. 31
  • So Ɔkra No Wu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔkra No Wu?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wowɔ Ɔkra a Enwu Da?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ɔkra a Bible Ka Ho Asɛm No
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Adwene A Wukura Wɔ Ɔkra No Ho No Ka W’asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɔkra
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 9/8 kr. 31

So Ɔkra No Wu?

EBIA saa asemmisa no bɛba obi a ɔkenkan July 30, 1990 Time nsɛmma nhoma no adwenem. October 3, 1990 nsɛmma nhoma no ka lɔre a ɛdɔɔso pii wɔ akwan so wɔ East Germany ansa na wɔreka Germany abien no bom no ho asɛm wɔ n’asɛm “Mmonkyimɔnka so Mmirikatu” no mu sɛ: “Nnipa a wowuwu wɔ akwanhyia mu wɔ East no duu 60% wɔ asram asia a edi kan wɔ 1990 mu, na ekunkum akra 1,078.”

Na nea asɛm no kyerɛ pefee ne sɛ nnipa 1,078 na afiri akwanhyia kunkum wɔn; wowuwui. Nanso so akra 1,078 wuwui? So Time nsɛmma nhoma no dii mfomso sɛ ɛde ɔkasasin “ɔkra” no gyinaa hɔ maa nnipa a wɔwɔ ɔhonam ne mogya no? Dɛn ankasa ne ɔkra no?

Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, nnipa anya ɔkra no ho adwenhorow pii. Tetefo pii gye dii sɛ ɔkra a aniwa ntumi nhu bi kɔ so tra ase wɔ owu akyi, ne sɛ owu yɛ ɔkwan a ɛde kɔ asetra foforo mu. Enti sɛ tete ahemfo binom wu a wokunkum wɔn nkoa a na wogye di sɛ saa nnipa yi akra bɛkɔ so asom wɔn.

Ɛwom sɛ nnɛ nso nnipa pii gye di sɛ ɔkra no kyerɛ onipa no fã bi a aniwa ntumi nhu, anaasɛ honhom a ɛkɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi de, nanso Bible no nkyerɛkyerɛ eyi. Nokwarem no, wɔ Numeri 6:6 New World Translation no, ɛka “ɔkra biara a awu” ho asɛm. Dabi, ɔkra no nyɛ biribi a aniwa nhu a ɛhyɛ wo mu. Woyɛ ɔkra. Sɛnea Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ no, ɔkra no tumi wu.

The Jewish Encyclopedia (1910) no ka sɛ: “Gyidi a ɛne sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi no yɛ nyansapɛ anaasɛ nyamekyerɛ mu adwene mmom sen gyidi ara kwa, enti wɔnkyerɛkyerɛ koraa wɔ Kyerɛw Kronkron no mu.”​—Po VI, kratafã 564.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena