Krak Ntoa—Ɛte Sɛ Otuo Aboba
Wɔn a wɔhwɛ ma wodi mmara so pɛ sɛ wosiw ano. Mmofra kum wɔn awofo wɔ ho. Ne nkɛntɛnso ma awofo kum wɔn mma. Ɛsɛe nkokoaa a wɔda so wɔ yafunu mu daakye asetra. Ano a wɔpɛ sɛ wosiw rema nkrow akɛse afa horow adan akono. Wɔde wɔn a ɛno nti wokunkum wɔn no hyehyɛ nkotoku mu. Ɛma ayaresabea adwumayɛfo a wɔyɛ adwuma wɔ mmeae a wɔhwɛ yare a emu yɛ den yiye no ho kyere wɔn pii. Wɔn a wɔtɔn a ɛsono mfe a wɔadi no nyinaa nya mfaso kɛse fi mu. Wɔfrɛ no “oguadini anidaso ne ɔnomfo dae bɔne.”