Kratafa Abien
“Latin Amerika mpanyimfo rebɔ kɔkɔ sɛ asetra mu gyinapɛn ahorow a ɛresɛe wɔ aman ahorow so no de abasamtu a ɛrefi ase adan amammui mu ɔporɔw kɛse a ɛyɛ hu reba.”—The New York Times, November 29, 1988.
Wɔ 1980 mfe yi mu no, nnipa ɔpepem pii—a wɔyɛ ahiafo buruburoo koraa dedaw no—hu sɛ nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no rema sika kakraa a wotumi na no bo a ɛsom no kɔ fam. Wɔ wɔn fam no ɛnyɛ asetra mu a ayɛ den no ano a ɛsɛ mu. So woahyɛ nnuan ahorow a ɛho hia bo a ɛrekɔ soro no nsow wɔ wo man mu anaa? So ɛte sɛ nea w’aguadi bɔtɔ no reyɛ ketewa bere nyinaa esiane sika dodow a wode tɔ ade no nti? Ɛnde, te sɛ nnipa afoforo no, wufi osuahu mu nim sɛ asetra mu a ayɛ den no renya nkɔanim.
So ano aduru bi wɔ hɔ?