Trabea Pii A Wosiesie Ma Abusua Bi A Ɛreyɛ Kɛse
ABUSUA bi na wotintim Nyan!, nsɛmma nhoma yi, ne ne hokafo Ɔwɛn-Aban no. Nea wɔfrɛ no Betel abusua no na ɛyɛ, na “Betel” kyerɛ “Onyankopɔn Fi.” Wotintim Nyan! biara a ɛba mmiako mmiako bɛboro ɔpepem 11 ne Ɔwɛn-Aban biara a ɛba mmiako mmiako a ɛboro 13,000,000 wɔ abusua a ɛte saa yi nhoma tintimbea ahorow mu wɔ wiase nyinaa. Esiane sɛ wotintim nsɛmma nhoma ahorow abien yi nyinaa bere koro mu wɔ kasa atitiriw no mu no nti, bɛyɛ sɛ ɔpepem 50 na wotintim ɔsram biara, anaasɛ bɛyɛ ɔpepem 2 adwumayɛ da biara. Afei nso, Betel abusua no tintim Bible, nhoma ne nhomawa ahorow ɔpedudu pii afe biara.
Betel abusua a ɛwɔ wiase nyinaa no ayɛ kɛse araa ma emufo boro nnipa 9,000. Wɔn a ɛka eyinom ho ne mmarima ne mmea ahokwafo, ne wɔn a wɔyɛ awarefo. Amanaman ntam Yehowa Adansefo Asafo ti a ɛwɔ Brooklyn Heights afã a ɛwɔ Brooklyn, New York, no na ɛwɔ abusua a emufo dɔɔso sen biara, wɔn dodow bɛyɛ nnipa 2,800. Eyi yɛ emufo no dodow a anka ɛyɛ 600 wɔ 1960 mu a anya nkɔanim. Enti wɔ mfe no mu no, adan pii a saa Brooklyn abusua a ɛreyɛ kɛse yi mufo bɛtra mu no ho abehia. Wɔtɔɔ dan a ɛso sen biara, nea anka ɛyɛ Towers Hotel no wɔ 1975 mu na wɔsan siesiee no maa nnipa 800. Nnansa yi ara wɔasan de adan akɛse abiɛsa aka saa Betel fie yi ho.
97 Columbia Heights Biako ne saa abansoro a ɛtoa so 11 dan fɛfɛ yi a ɛbɛn East Asubɔnten a esi nea anka kan ɛyɛ Hotel Margaret ananmu no. Esi baabi a wotumi hu ne beae bia ɛhɔ yɛ fɛ sen bere biara, Lower Manhattan aban atenten no ne ne sikakorabea ɔmantam a agye din yiye no ntam. Nea ɛho hia sen biara no, esi 107 ne 124 Columbia Heights, afie akɛse a Betel abusua no mufo a wɔboro apem biako tete mu no ho.
Mfirihyia ɔha pɛ a atwam ni no na wowiee Hotel Margaret a ne sorokɔ yɛ anammɔn 150 no si wɔ 97 Columbia Heights ma ɛbɛyɛɛ nea wonim wɔ baabiara. Wɔ February 1980 mu, bere a na wɔredan Margaret ma ayɛ beae a afɛfɛde wɔ no ogya tɔɔ mu na akyiri yi ɛhɔ gui. Wɔ 1986 mu bere a afei nea ɔresiesie hɔ no nsa aka dan no a obetumi asi no foforo ho tumi krataa akyi no, ɔtɔn maa Ɔwɛn Aban Asafo a ɛyɛ Yehowa Adansefo mmara kwan so ahyehyɛde no. Bere a wosiesiee ɔdan no nsɛmso ahorow bi nnidiso nnidiso wiei wɔ 1988 mu no, Betel abusua no mufo a wɔn dodow yɛ 250 tu kɔtraa mu.
Adwumayɛ kuw a ɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wodi ɔdan no ho dwuma no kasamafo kae sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ anka “wobegyaw Margaret ho nkae nneɛma no bi.” Sɛ nhwɛso no. ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ mfɛnsere ahorow no ma nkurɔfo kae kɔbere adwini a anka ɛwɔ Margaret ho no. Ɔkasamafo no kae sɛ: “Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛma ɔdan no fã kɛse akyerɛ nsu no ano na ne fã kakraa bi akyerɛ kurow no.” Enti, wɔnam saayɛ so ama ɔdan no ayɛ te sɛ adan a ɛbɛn hɔ no.
Standish Ahɔhodan Ɔdan kɛse a ɛto so abien a wɔde aka Betel fie no ho no ne Standish ahɔhodan a ɛtoa so 12 a ɛbɛn 169 Columbia Heights no. The Brooklyn Daily Eagle kaa sɛnea wosii ahɔhodan yi a wɔde Miles Standish a ogyee din wɔ tete New England no din too so yi ho asɛm wɔ 1903 mu sɛ: “Adansifo no gye di sɛ beae a wɔapaw no, esiane sɛnea ɛhɔ te ne sɛnea ɛma wohu East Asubɔnten ne nneɛma ahorow a ɛyɛ anigye a ɛka ho nti, ɛma ɛhɔ yɛ beae a eye koraa ma ahɔhodan na wɔahyɛ sɛ wobesi adan a ɛyɛ fɛ kyɛn so wɔ ɔman no mu no biako.”
Ɛno akyi bere tiaa bi na wobuee ahɔhodan no ano, nanso eduu 1970 mfe no mu no na asɛe koraa. Cohi Towers Associates adwumakuw no tɔe wɔ 1980 mfe no mu na wofii ase sɛ wɔresiesie no foforo koraa a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔde bɛka Betel abusua no fie no ho. Wowiee ne si no wɔ 1986 mu, na wɔ 1988 mu no Ɔwɛn Aban Asafo no tɔɔ Standish. Betel abusua no mufo 140 ne bɛyɛ sɛ nnipa a anka wɔtete hɔ dedaw no mu 25 a wɔda so te hɔ no na wɔwɔ mu.
Bossert Ahɔhodan Nea ɛto so abiɛsa a wɔde aka Betel fie no ho no ne Bossert ahɔhodan a ɛyɛ aban a ɛtoa so dumien a ɛwɔ Montague Borɔn a efi Standish ba hɔ no nnu simma anum nantew no. Wodii kan buee ano wɔ 1909 mu a ná adan 200 na ɛwom, na egyee din sɛ ahɔhodan a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ Brooklyn. Wosii no te sɛ afeha a ɛto so 15 Italiafo awo foforo mmere so ɔdansi.
Wɔ 1914 mu no wɔde adan a wɔda mu 175 kaa ho, na ɛno akyi mfirihyia abien no, wɔde adidibea a wosii wɔ ɛso a ɛte sɛ hyɛn bi abrannaa no kaa ho. Brooklyn Daily Eagle bɔɔ amanneɛ wɔ 1949 mu sɛ: “Biribiara nni kuropɔn no mu baabiara a ɛyɛ fɛ te sɛ ɛno. Nnipa atitiriw, wɔn a wɔagye din wɔ agodi ahorow mu no ba Marine Roof.” Wɔn a wobedidi ne wɔn a wɔtete n’adan a ɛwɔ soro pɛɛ no mu no hu New York po so ahyɛn gyinabea, Governor Island, Statue of Liberty, Jersey mpoano ne Manhattan anafo fam nyinaa.
Awiei koraa no esiane onyin ne ani a wobu guu so nti, ahɔhodan a anka ɛyɛ fɛ pii yi baa tebea a ɛyɛ awerɛhow mu. Cohi Towers Associates adwumakuw no tɔe wɔ 1983 mu na wofii n’asiesie ho adwuma kɛse bi ase. Akyiri yi Ɔwɛn Aban Asafo no tɔɔ Bossert wɔ 1988 mu. Mprempren ayɛ Betel abusua no mufo 270 ne wɔn a anka wɔte hɔ dedaw no mu nnipa 40 anaa nea ɛte saa no atrae.
Ná n’asiesie no gye apon ne mfɛnsere afoforo a wɔde besisi ananmu ne nsu, nneɛma a ɛbɛka hɔ hyew ne anyinam ahoɔden ho nhyehyɛe ahorow a wɔbɛyɛ no foforo. Wɔsan yɛɛ afiri a ɛde obi kɔ abansoro so nso ho nhyehyɛe, na mprempren wɔresiesie abiɛsa a anka ɛwɔ hɔ no mu abien. Wɔde adan a anka wɔsaw wɔ mu no ayeyɛ adididan akɛse abiɛsa, na wɔabubu mukaase a anka ɛwɔ ase no koraa asi no foforo de nnɛyi aduannoa ho nneɛma asisi mu. Wosiesiee adan no nyinaa mu bio. Afei, wosiesiee nhyiam dan mu ma ɛyɛɛ sɛnea anka emu te a nea ɛka ho ne marmorabo adum a asɛe a wɔnam ɔkwan a abɛyɛ adwini a ayera so siesiee no no so.
Wotwitwii ɔdan no ho nyinaa siesiei na wɔsan yeyɛɛ adwini a wɔde abo pa ayɛ no afã titiriw no bio. Wɔn a wonyaa n’asiesie ahorow no mu kyɛfa ne adwumayɛfo ɔhaha pii a wofi United States nyinaa a wotuu wɔn ho mae no. Eyinom de wɔn bere ne wɔn dom akyɛde ahorow yɛɛ adwuma bɛyɛ nnawɔtwe anaa nea ɛboro saa. Adansefo mmabaa 39 a wohu wɔn wɔ Bossert so mfonini yi mu no de asram pii yɛɛ ahɔhodan no ho nsiesiei adwuma a wogyinaa antweri so yɛe no.
Afie ahorow a Brooklyn Betel abusua no tete mu wɔ Brooklyn Heights no nyinaa dodow bɛyɛ 20 a ne nyinaa yɛ nea wubetumi de bere tiaa bi anantew afi biako ho akɔ foforo ho. Nokwarem no, wɔnam ɔkã ahorow a wɔatwa afa asase ase no so aka Towers 124 Columbia Heights, 107 Columbia Heights ne 119 Columbia Heights a Betel abusua no mufo bɛyɛ 2,000 tete mu no abom. Wɔreyɛ nhyehyɛe na wɔatwa ɔkã a ɛbɛka 97 Columbia Heights dan foforo no nso abɔ nea aka no mu. Nanso Bossert ne Standish Arms no ne adan yi ntam kwan ware dodo ma enti wontumi ntwa ɔkã ahorow mfa mmorɔn no ase nka wɔne wɔn mmɔ mu.
Betel abusua no kɛse a ɛreyɛ no da sɛnea nkurɔfo retie Ahenni no ho asɛm a Yehowa Adansefo ka a ɛrenya nkɔanim no adi. (Mateo 24:14) Nnipa 3,592,654 a wonyaa adwuma yi mu kyɛfa wɔ afe a etwaam no mu no boro dodow a enyaa mu kyɛfa wɔ 1973 mu no so mpɛn abien. Betel abusua a ɛwɔ Brooklyn New York no mufo ani gye hokwan a wɔanya de som ma wɔn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no nya wɔn honhom mu ahiade ahorow no ho. Na wɔn ani sɔ trabea pii a wɔasiesie ama wɔn no yiye.
[Pictures on page 24, 25]
Standish ahɔhodan no ne ne nhyiam dan
[Kratafa 26 mfoni]
Bossert Ahɔhodan no ne ne nhyiam dan
[Kratafa 27 mfoni]
Adwumayɛfo a wotuu wɔn ho mae de siesiee Bossert Ahɔhodan no ho no