Kratafa Abien
Bere a mmusua mu apaapae na sukuu ahorow mu tebea horow asɛe no, mmofra na wɔahu amane. Atuo, sekamma, ne nnubɔne mpo abu so wɔ nkurow akɛse mu sukuu ahorow mu. Asɛyɛde ahorow bɛn na sukuu ne awofo nyinaa wɔ wɔ mmofra a wɔkyerɛkyerɛ wɔn na wɔtete wɔn no mu? Dɛn na mmofra hia fi wɔn awofo hɔ ankasa? Dɛn ne ofie adwuma a ɛsɛ sɛ awofo yɛ sɛ wɔn mma benyinyin abɛyɛ mpanyin pa a?