Kratafa Abien
Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no The Nation no kyerɛ sɛ Afrika “na ɛma nnuan ahorow a wodi wɔ aman a anya nkɔanim no mu da biara no pii.” Wɔ ɔkɔm a esii Ethiopia nnansa yi mu no, Britaniafo ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ wɔredi nnuaba ne nnuadewa ahorow a efi Ethiopia. Wɔ asaawa akyi no, Afrika kɔtɔn tii, kɔfe, asikyire, kookoo, nkate, nhwiren momono, nam, ngo, nnua, ne afuw mu nneɛma afoforo pii wɔ amannɔne.
Ɛnde, dɛn nti na Afrika ntumi nhwɛ ne ho? So pii wɔ hɔ a wobetumi ayɛ de aboa Afrika ma atumi adi ne kuadwuma mu ahoɔden a ɛwɔ no ho dwuma? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a ɔkɔm de wɔn? Nsɛm a edidi so yi besusuw saa nsemmisa yi ho na atwe w’adwene asi nhyehyɛe pa bi a ɛde ɔkɔm bɛba awiei a ɛnyɛ wɔ Afrika nko na mmom wɔ asase so nyinaa no so.
[Kratafa 2 mfoni fibea]
FAO photo