Bere A Nnua “Kasa”
AFRIKA ɔtorɔm a ɔwɔ mmɛn a akɔntɔn a ɛyɛ fɛ no yɛ aboa a ne ho yɛ fɛ yiye. Enti ɛhaw nnipa a wɔhwɛ mmoa a wɔbɛkora wɔn so ho nsɛm so no bere a ɔkɔm fii ase kunkum atorɔm pii wɔ kwae nketewa a ɛwɔ South Africa mu no. Na ɛte sɛ nea wontumi nhu nea enti a wowuwu no, efisɛ na nnua ne nhaban ahorow pii wɔ kwae no mu a mmoa no bɛwe. Nanso wɔ nhwehwɛmu pii a wɔyɛe akyi no, wonyaa nkyerɛkyerɛmu bi a ɛyɛ nwonwa: Na nnua ahorow no “kasa” kyerɛ wɔn ho wɔn ho!
Ɛyɛ nkwaseasɛm? Wiɛ, South African Panoroma no bɔ amanneɛ sɛ: “Nnua wɔ kokoam akode bi a wɔde ko tia atorɔm ne mmoa afoforo a wɔwe nnua nhaban no . . . Sɛ ɔtorɔm we dua bi ahaban a, ɛma nsu yerɛyerɛw bi a wɔfrɛ no Tannin K ba nhaban no mu.” Ɔtorɔm no ntumi nwe nhaban yi yiye na wogyae we wɔ bere bi mu. Wubisa sɛ: “Nanso so wɔrentumi nkɔwe dua foforo ahaban?” Ɛha na dua a “ɛkasa” ho asɛm no bam.
Ɔbenfo van Hoven ka wɔ Custos nsɛmma nhoma no mu sɛ “nnansa yi wɔada no adi sɛ, sɛ dua bi ahaban ho ka a, hua bi a ano yɛ den a nnua a ɛyɛ dua koro no ara bi tumi te tu kɔ mframa no mu.” Nokwarem no, nnua ahorow no bɔ wɔn yɔnkonom kɔkɔ sɛ mmoa a ɔkɔm de wɔn a wɔwe wɔn nhaban aba mpɔtam hɔ. Wɔn yɔnkonom yi yɛ dɛn? Wɔma nsu yerɛyerɛw yi bi ba wɔn nhaban mu. Ɛfa nkwa ho! Ɔbenfo van Hoven susuw sɛ: “Ɛda adi sɛ nnua ahorow a enni eyi a wɔde bɛbɔ wɔn bo ban no . . . ase gu bere a bere rekɔ so no.” Enti sɛ ɔtorɔm fi ase we dua bi ahaban a, nnua a ɛyɛ dua koro no ara bi betumi ama aduan a wɔde ma no ‘asa’ wɔ bere tiaa bi mu. Nokwarem no, ɛda adi sɛ edi nna kakra ansa na dua bi a n’ahaban ho aka asan ayɛ sɛnea ɛte kan no.
Sɛ wɔma ɔtorɔm no tra kwae nketewa mu a, ade a ɛbɔ nnua ho ban yi de ɔhaw ankasa ba. Wɔ bere tiaa bi mu no, nhwehwɛmufo hui sɛ atorɔm a wowuwu wɔ kwae nketewa mu no dodow kɔ anim sen wɔn a wowuwu wɔ kwae akɛse mu mpɛn asia. Dɛn ntia? Atorɔm no dɔɔso wom dodo. Ɔbenfo van Hoven ka sɛ: “Afotu a yɛde ma nnipa a wɔhwɛ mmoa a wɔyɛn wɔn wɔ kwae mu no so no ne sɛ. . . ɛnsɛ sɛ wɔma atorɔm abiɛsa kosi anan tra kwae a ne kɛse yɛ nhama 250 mu. Sɛ atorɔm a wɔwɔ hɔ dɔɔso a, eye sɛ wɔde aduan foforo bɛkɔ akɔma wɔn wɔ awɔwbere mu.”
Nokwarem no, ɛho behia sɛ wɔsɔ wɔn nhwehwɛmu ahorow no hwɛ ansa na wɔatumi ahu nnua dodow a “ɛkasa” ampa. Nanso nea afi mu aba mfitiase yi twe adwene si adwini a ɛwɔ abɔde a wɔwɔ nkwa mu ne nyansa kɛse a Onyankopɔn a ɔyɛɛ nneɛma nyinaa wɔ no so.