‘Ɛkyerɛkyerɛ Nsɛm Mu Pefee’
Ɔkenkanfo bi kyerɛw wɔ krataa a ɔde rekra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu sɛ:
“Mepɛ sɛ meka kyerɛ mo sɛ misusuw sɛ mo nsɛmma nhoma no mu nsɛm yɛ anigye na sɛ worehwehwɛ Bible mu nnyinasosɛm ahorow nso a, ɛboa kɛse. . . . Meyɛ Katolekni na minnye nni sɛ mate sɛ wɔka Bible no ne emu nsɛm a ɛyɛ anigye no ho asɛm wɔ ɔkwan a Adansefo no fa so ka no da. Ɛwom sɛ nkurɔfo kura adwene a ɛnteɛ na mmere no mu yɛ den de, nanso mewɔ anidaso sɛ mubetumi akɔ so ayɛ mo adwuma no. Makɔ asɔre pii na eye sɛ wubehu sɛ, sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible no ne nea ɛkyerɛ a, obi wɔ hɔ a ɔde nkyerɛkyerɛmu ankasa ma pefee. Ɛyɛ nsakrae a ɛyɛ anigye.”
Wo nso wubetumi ama wode nsɛmma nhoma abien a egyina Bible no so yi abrɛ wo wɔ fie denam kratasin a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ de amena no so.
Mesrɛ mo merekra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no afe. Mede ¢400 ahyem de retua ka.