Mmea A Wɔyɛ Adwuma—Adwene A Wɔwɔ Wɔ Ho Wɔ Wiase Aman A Ɛto So Abiɛsa No Mu
Efi Nigeria “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
Efi 1950 no, mmea a wɔyɛ adwuma gye akatua dodow abu abɔ ho wɔ wiase nyinaa. Wɔakyerɛw nsɛm pii afa nea afi saa aware ne abusua asetra mu nsakrae no mu aba no ho. Nanso wɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu no, eyi nyɛ ade foforo. Wɔ saa aman no pii mu no, mmarima ne mmea fi bere tenten ayɛ adwuma abom de ahwehwɛ nea wohia wɔ sika fam. Nanso ɔhaw ahorow a mmea a wɔyɛ adwuma wɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu hyia no te sɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ aman a wɔanya nkɔso wɔ mfiridwuma mu no de wɔ ɔkwan bɛn so? Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔfa asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛte sɛɛ no to wɔn ho so? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nsemmisa ahorow a ɛyɛ anigye yi mu nhumu bi no, Nyan! ka nsɛm ahorow a wobisabisaa Nigeriafo mmea baasa a wɔyɛ adwuma no ho asɛm: Elizabeth, Ulrike, ne Lola ne ne kunu ‘Shola.
Nyan! Dɛn nti na mmea a wɔwɔ Afrika yɛ adwuma?a
Elizabeth: Wɔ amansin a ɛwɔ Nigeria mfinimfini atɔe fam no, ɛnyɛ sɛ mmea yɛ adwuma na ama wɔanya sika a ɛbɛso wɔn di anaasɛ ama wɔatumi atɔ nneɛma afoforo kɛkɛ. Wɔ mmusua pii mu no, wɔhwɛ kwan sɛ ɔyere no bɛyɛ adwuma anya sika. Mpɛn pii—ɔno na ɛnyɛ okunu—na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ abusuafo a wɔwɔ akyi a wɔne wɔfasenom, wɔn maame nuabeanom mma ne wɔn a wɔkeka ho.
Ulrike: Meyɛ Germani nanso wɔ mmara mu no, mabɛyɛ Nigeriani. Mihu sɛ wɔ mmea a wɔwɔ ha fam no, adwuma a wɔyɛ no yɛ wɔn amammerɛ fã. Okunu bu ne yere sɛ mfaso wɔ no so sɛ otumi yɛ biribi a ɛsow aba, na mpɛn pii ɛno kyerɛ biribi a ɛsen mmofra a ɔbɛwo ne aduannoa. Wɔ nsɛm ahorow pii mu no, honam fam nneɛma a wɔde bɛma mmofra no kɔ so ara yɛ asɛyɛde a ɛda ɛna no so titiriw.
Lola: Wɔ Yorubafob mu no, okununom fi bere tenten ahu sɛ wɔn yerenom nim aguadi. Enti, bere a wɔn kununom na wɔma wonya nnɔbae no, wɔn yerenom nso na ɛtɔn. Eyi ada adi sɛ adwuma a wɔkyekyɛ yɛ a mfaso fi mu ba. Ɔbea no hu sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔboa ne kunu ma wɔanya nnɔbae afi nneɛma a odua wɔ afuw no mu no mu. Wɔ eyi akyi no, wobu nsaanodwuma anaasɛ adwuma bi a ɔyɛ de ka ofie adwuma ho no sɛ nsiyɛ ho sɛnkyerɛnne. Te sɛ ɔyere pa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Mmebusɛm ti 31 no, ɔsɔre ntɛm, ɔhwɛ ne fi so, na ɔma n’abusua aduan. Eyi ma otumi de bere a aka wɔ da no mu yɛ nneɛma afoforo te sɛ afuw, nneɛma a ɔpam tɔn ma aguadifo, anaasɛ adwuma ketewaa bi.
Elizabeth: Bio nso, mmea pii te nka sɛ ɛho hia sɛ wobehu nea ɛkɔ so wɔ abusua no akyi. Mpɛn pii wɔnam aguadi ne nnwuma afoforo so na wonya wɔn ntetee ankasa.
Nyan!: Ɛte saa wɔ ɔkwan bɛn so?
Elizabeth: Wiɛ, aguadi ma wonya nkɔso wɔ akontaabu ne kasa a wɔka no titiriw no mu. Adwumayɛ kyerɛ wɔn sɛnea wɔyɛ nneɛma ho nhyehyɛe a ɛboa wɔn ma wotumi hwɛ wɔn afie ne wɔn mmusua so yiye no. Bio nso, adwuma a mmea yɛ no ma wonya wɔn ankasa ho mu ahotoso na wɔkyerɛ obu ma wɔn.
‘Shola: Mmea dodow aware nso yɛ ntease foforo a emu yɛ den a ɛma mmea yɛ adwuma. Ɔyerenom kakraa bi a wɔn kununom ware mmea afoforo ka wɔn ho na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔn kununom bedi wɔn ahiade biara ho dwuma ama wɔn. Enti ɔyere no susuw sɛ sɛ wammɔ ne ho mmɔden a, ne ho bɛkyere no. Ampa, nea wonim sɛ ebetumi afi mmea dodow aware mu aba no ama ɔyerenom nkumaa pii ne wɔn kununom mmom mpɛ sika. Bio nso, mmea pii pɛ sɛ wɔn mma kɔ sukuu du akyiri. Esiane sɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔde ne kunu sika hwɛ ne kunu no mma ne mmea afoforo nso nti, ɔyere no yɛ adwuma—na ɔyɛ adwuma denneennen—na ama watumi ahwɛ ne mma ma wɔakɔ sukuu adu akyiri na wagyaw agyapade bi ama wɔn.
Nyan!: Adwuma bɛn na mmea yɛ?
Elizabeth: Ne titiriw no, wodi gua.
‘Shola: Ɛsono sɛnea ɛte wɔ abusua biara mu. Ebinom dɔw mfuw na afoforo nso di gua.
Ulrike: Mpɛn pii mmea wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma a mmarima mpɛ sɛ wɔyɛ, te sɛ lɔre kwankyɛn a wɔtra toto bayerɛ anaasɛ aburow, tɔn nsu, anaasɛ pam nneɛma mpo. Nanso eyinom betumi ayɛ nnwuma nketewa a mfaso kɛse wɔ so!
Lola: Sɛ mmusua ahorow tu fi nkuraase a, ɔyerenom taa yɛ basaa mpɛn pii. Ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛtra fie a wɔnyɛ hwee. Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ sika a wobenya ara kwa nti na wonya ɔpɛ mfiase no sɛ wɔbɛyɛ adwuma. Efisɛ kan no, na nneɛma a wohia yɛ kakraa bi na na wɔn ani mmere nneɛma pii.
Nyan!: Ɔyere akatua ho hia ankasa ma ne kunu kodu he?
Ulrike: Esiane sɛ sikasɛm tebea a ɛwɔ Afrika no kɔ so sɛe nti, ɔyere akatua ho hia ne kunu kɛse. Nnwuma ahorow yi wɔn adwumayɛfo adi daa. Mpɛn pii ɛsɛ sɛ aban adwumayɛfo mpo twɛn asram pii ansa na wɔde wɔn akatua ama wɔn. Na Kristofo mmarima nnwuma taa fi wɔn nsa esiane sɛ wɔmpene so sɛ wɔbɛma wiase nhyɛso ahorow no ho kwan na wɔabu Bible mu nnyinasosɛm so nti. Nanso ɔbea a odi gua adwuma rentumi mfi ne nsa ntɛm sɛ ɔyɛ mmɔdenbɔfo a. Mpɛn pii ɔdan obi a—ne nkutoo hwɛ abusua—no, anyɛ yiye koraa no, bere tiaa bi!
‘Shola: Esiane sɛ sɛnea adesamma abusua no te asakra nti, ama nneɛma a wohia no abɛyɛ hwanyann, nea wɔhwɛ kwan ayɛ kɛse na sika fam ahokyere ayɛ kɛse. Enti mmoa a ɔyere de ma abusua no wɔ sika fam abɛyɛ nea ɛho hia kɛse. Enti ebia okunu no bɛpaw sɛ obetua ɔdan ne anyinam ahoɔden nkanea ho ka na wayi sika pɔtee bi a wɔde bɛtɔ aduan. Ebia ɔyere no nso bɛtɔ aduan ne ntade afoforo na watua sukuu fees.
Nyan!: Ɔhaw ahorow a ɔyerenom a wɔyɛ adwuma hyia no bi ne nea ɛwɔ he?
Elizabeth: Ɛda adi sɛ adwuma a obi yɛ no ma n’ahoɔden so tew na ɔyere a ɔyɛ adwuma taa ba fie a wayɛ basaa na ne bo afuw. Ebetumi de ɔhaw aba aware mu nso. Ɛnyɛ nea ɛhaw mmarima, sɛ wɔn yerenom nya sika kakra a. Nanso sɛ onya sika pii a, ebia okunu no bɛtwe ninkunu na wate nka sɛ waba asiane mu.
Lola: Ebia ɔyere no behu sɛ obu n’ani gu ne mma ne ne kunu so—nea ɛma ne kunu twe ninkunu na odi yaw.
‘Shola: Nea ɛyɛ asiane kɛse ma ɔyere a ɔyɛ Kristoni ne sɛ ɛbɛsɛe ne honhom mu yiyedi.
Lola: Yiw, ɔtaa sɛe bere pii wɔ n’adwuma a ɔbɛma ayɛ yiye no ho ma enti honhom mu dwumadi ahorow te sɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɔbɛka no bɛyɛ ade a ɛto so abien. Ebia ɔrentumi nkɔ Kristofo nhyiam ahorow ase na bere kakraa bi na obenya de ayɛ kokoam Bible adesua. Na ne mma hu sɛ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma n’adwuma ayɛ yiye no ne nhwɛso a ɔde si wɔn anim. Wobetumi asi gyinae sɛ wɔde ɛno bɛyɛ wɔn botae wɔ wɔn asetra mu.
Nyan!: Ɔkwan bɛn so na ɔyere a ɔyɛ Kristoni a ɔyɛ adwuma no remma ɛmma saa?
Lola: Ɛsɛ sɛ ɔkari pɛ wɔ nneɛma nyinaa mu na amma wansɛe ne honhom mu yiyedi.
‘Shola: Wobetumi ayɛ. Kristofo mmea pii wɔ hɔ a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ nneɛma a wɔkari pɛ wom a ɛte saa no mu.
Ɛwom sɛ ɛsono sɛnea sikasɛm nhyehyɛe ne amammerɛ a ɛwɔ Afrika no te wɔ aman a wɔanya nkɔso wɔ mfiridwuma mu no mu de, nanso mmea a wɔyɛ adwuma a yɛafa wɔn asɛm aka wɔ ha no ka ahiade ne nneɛma a nnipa a wɔwɔ baabiara pɛ sɛ wonya no ho asɛm.
Ampa, Bible mu nnyinasosɛm ahorow a mmea a wɔte saa no de bedi dwuma no betumi ama nneɛma ahorow a ɛhyɛ wɔn ma wɔyɛ honam fam adwuma no so atew. Nanso Kristofo awarefo pii hu sɛ ɛho hia sɛ wonya akatua ahorow abien. Ɛsɛ sɛ awarefo a wɔte saa no susuw honam fam adwuma a wɔbɛyɛ no ho. (Hwɛ Luka 14:28.) Wɔ faako a sika ho hia no, “ɔyere pa” betumi ama n’ani agye sɛ ɔreboa abusua no yiyedi wɔ honam fam.—Fa toto Mmebusɛm 31:10, 13, 16, 24 ho.
Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ mmusua ahorow a wɔwɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu—ne afoforo a aka—no, kae sɛ aware mu biakoyɛ ne honhom fam dwumadi ahorow som bo kɛse sen honam fam nneɛma. (Mmebusɛm 15:17; Mateo 6:19-21) Na sɛ ɔyere te nka sɛ ɛho hia sɛ ɔyɛ adwuma a ɛbɛma wanya akomatɔyam kɛse sen ofie adwuma a, eye sɛ ɔbɛkae nkuranhyɛ a Bible no de ma a ɛse ‘monyɛ pii wɔ Awurade adwuma mu’ no. (1 Korintofo 15:58, NW) Te sɛ Lola no, ebinom betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔde wɔn ho ahyɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo wɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa a ɛwɔ Afrika no mu no yɛ adwumaden a ɛne ɔyere a ɔyɛ fie nnwuma ne nea ɔde n’akatua hwɛ abusua no. Kari a ɔbɛkari pɛ bɛma watumi ayɛ eyi. Na sɛnea Lola kunu a wɔfrɛ no ‘Shola ma yɛkae no:
“Wobetumi ayɛ!”
[Ase hɔ nsɛm]
a “Adwuma” a yɛka ho asɛm no kyerɛ nea wɔyɛ gye akatua. Eyi nkyerɛ sɛ ɔyerenom a wɔyɛ adwuma wɔ fie no nyɛ adwumayɛfo
b Abusua bi a ɛwɔ Nigeria.
[Kratafa 26 mfoni]
Elizabeth
[Kratafa 27 mfoni]
Ulrike