Wɔn Ani A Wɔma Ɛda Hɔ Wɔ “School” Nhomawa A Wɔde Di Dwuma Ho
ƆWƐN ABAN Asafo no tintim nhomawa bi a wɔato din sɛ School and Jehovah’s Witnesses. Atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛma akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo afoforo ahu Adansefo gyidi horow a ɛfa wɔn ho a wɔde hyɛ sukuu dwumadi ahorow mu no ho. Amanneɛbɔ a edi so a Ɔdansefo abofra bi kyerɛwee no kyerɛkyerɛ nea ebetumi afi nsiesiei a ɛte saa mu aba bere a Adansefo ma wɔn ani da hɔ na wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no.
“Mikogyee akyerɛkyerɛfo mpanyimfo ne sukuu mpanyimfo afoforo a wɔwɔ Georgia mansin no mu no din. Mede nhomawa no bi manaa wɔn a wɔwɔ Atlanta ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ no. Mede 350 manae na me nsa kaa nkrataa a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ 2,000 bio. Me ne me papa kɔsraa akyerɛkyerɛfo mpanyimfo 42. Wɔn mu pii daa anisɔ ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ “asɔre ahorow nyinaa bɛma wɔn nsa aka amanneɛbɔ a eye a ɛte saa” no adi. Wɔ sukuu pii a yɛkɔɔ mu no mu no, yɛde nhomawa no bi maa ɔkyerɛkyerɛfo biara na wɔde bi kɔɔ wɔn nhomakorabea.
“Yɛde Your Youth, Getting the Best out of it nhoma no 32 ne Awake! a ɛka ‘Mmofra a Wɔto Wɔn Mmonnaa’ ho asɛm no 140 maa wɔn kaa nhomawa no ho. Akyerɛkyerɛfo mpanyimfo no pii srɛɛ kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atintim emu nsɛm no bi wɔ wɔn atesɛm nkrataa mu na wɔde ama ɔkasa wɔ sukuufo nhyiam ahorow ase. Ɔkyerɛkyerɛfo panyin bi too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra na yɛmmɛka Yehowa Adansefo gyidi horow ho asɛm nkyerɛ sukuufo no. Me papa kasaa simma 20 na wɔ ɛno akyi no yɛmaa wɔn nhoma ne nsɛmma nhoma pii. Bio nso, yɛn nsa kaa adesrɛ bi fii Owura Samuel Wallace a ɔwɔ Nhyehyɛe ne nnwuma a Wɔtrɛw Mu dwumadibea wɔ Atlanta no nkyɛn. Ɔkae sɛ ɔpɛ nhomawa no ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi ama adwumayɛfo 30 a wɔsrasra mfitiase sukuu ahorow mu sɛ afotufo no mu biara.
“Wɔ eyi nyinaa akyi no, yɛn nsa kaa nkrataa anan a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ nhomawa no 450. Yɛadua nokware aba na yɛwɔ anidaso sɛ awofo betumi asan akɔ akyerɛkyerɛfo a ebia wɔbɛkyerɛ anigye no nkyɛn bere a wɔn mma san kɔ sukuu wɔ twabere mu no.”—B. L., Norcross, Georgia.