“Akã M’asetra”
Ɔbarima bi a ofi Ghana., West Africa, kaa eyi wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho! Ɔkyerɛwee sɛ: “Metumi aka ankasa sɛ nsɛmma nhoma yi ama mede me koma ama Kristo. Ɛma minya nsɛm pii a obi hia na ama wahu Kristo ne nkwagye ho asɛm no. Bere a m’adamfo paa bi de nsɛmma nhoma yi kyerɛɛ me nea edi kan no, misusuwii sɛ n’akenkan bɛyɛ anihaw. Nea ɛyɛ nwonwa no, dodow a mekenkan no, dodow no ara na m’ani gye ho. Akã m’asetra. Mihu sɛ emu yɛ anigye na ɛkyerɛkyerɛ nneɛma pii. Ɔbarima no de baa awiei sɛ, “Mesrɛ mo, momfa nsɛmma nhoma a ɛsom bo kɛse yi bi mmana me ɔsram biara.”
Wo nso wo nsa betumi aka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no bi wɔ wo fi. Fa ¢240 pɛ mana na wo nsa bɛka nsɛmma nhoma ahorow abien yi (abien ɔsram biara) afe biako.
Mesrɛ mo merekra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no afe biako. Mede ¢240 ahyem.