Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 2/8 kr. 26-27
  • Bɔ A Mehyɛɛ Onyankopɔn No So A Midii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ A Mehyɛɛ Onyankopɔn No So A Midii
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
  • Asetra a Enni Awiei Nyɛ Adaeso Ara Kwa
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Paradise a Wɔhwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Me Mmofraberem Botae Ho A Midui
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 2/8 kr. 26-27

Bɔ A Mehyɛɛ Onyankopɔn No So A Midii

ME WERƐ amfi bɔ a na mahyɛ Onyankopɔn bɛyɛ mfirihyia 30 a atwam​—sɛ mede me nkwa bɛsom no, sɛ ɔboa me a, no. Na metee nka sɛ waboa me mpɛn pii. Hwɛ afobu nka ara a metee sɛ mintua ka a mede Onyankopɔn no!

Na asetra wɔ Amerika yɛ soronko koraa wɔ nea ɛwɔ Vietnam no ho. Hwɛ ye ara a eye sɛ wutumi nya ahofadi mu anigye​—sɛ́ wutumi kɔ baabiara a wopɛ wɔ bere a wopɛ mu! Nanso honam fam adedow pɛ asetra ne ne nyansahu adwene a ɛka ho maa me ho dwiriw me. Na ɛte sɛ nea abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow ho yɛ na! Na nsɛm a yɛte da biara da yɛ nea ɛfa nsɛmmɔnedi ahorow a ɛyɛ hu​—mmofra a wokunkum wɔn awofo anaa awofo a wokunkum wɔn mma, nyinsɛn a woyi gu, awaregyae, nsɛmmɔnedi wɔ mmorɔn so ho kɛse. Eyi nyinaa maa ehu kaa me. Mibisae sɛ, “Dɛn nti na porɔwee kɛse wɔ ɔman a wɔde nneɛma a ɛyɛ fɛ ne ahonyade adom no sɛɛ yi mu?

Afei de mekaakaee nsɛm ahorow a na kan mibisa no kɛse sen bere biara: So ɛyɛ Onyankopɔn ankasa na ɔbɔɔ onipa? So yɛyɛ Onyankopɔn mma ankasa? Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na ɔyɛ anibiannaso kɛse wɔ saa mfomso ahorow yi ho? Dɛn nti na ɔntwe nnipa aso mprempren na amma wɔanyɛ nneɛma a enye sen saa? Anaa, so Onyankopɔn retwɛn ma onipa asakra afi ne bɔne ahorow ho? Na onipa nso, sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ no a, dɛn nti na onsɛ n’Agya no? Dɛn nti na ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛma N’ani agye?

Nsemmisa ahorow a ɛte sɛɛ haw me na ɛho mmuae a mannya no maa me werɛ howee. Afei da koro, wɔ June 1981 mu, bere a na mete Pasadena, Texas no, ɔpanyin bi ne ne nanabarima baa me nkyɛn. Wɔkaa wɔ a Onyankopɔn wɔ Ahenni, nniso ankasa, ne sɛ, ɛde nhyira horow bɛba asase so no ho asɛm. Afei ɔbarima no bisaa me sɛ ebia mepɛ sɛ metra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.

Mibuae sɛ, “Dabi.” Na nea mepɛ kɛse ne sɛ mehu nokware Nyankopɔn no, na na m’ani nnye tra a mɛtra ase daa wɔ Paradise no ho saa bere no. Nanso obu kwan a wɔnam so no ma minyaa obu ne ahotoso ma enti mema wɔbaa me nkyɛn. Mekaa me osuahu ahorow a ɛfa nea na migye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahobammɔ ne hwɛ a ɔhwɛ afoforo a ɔdɔ wom no kyerɛɛ wɔn. Mekae sɛ, “Merehwehwɛ Onyankopɔn a ɔwɔ saa su ahorow atitiriw yi no. Sɛ mo Nyankopɔn no ne Oyi ankasa a, mesrɛ mo, monkyerɛ me ɔkwan a mɛfa so ahu no.”

Ɔpanyin no kenkan Onyankopɔn kɛse, Yehowa, no ho asɛm fii Bible no mu kyerɛɛ me bɛyɛ dɔnhwerew biako. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo, Israelfo dii, na oyii ɔdɔ a ɔwɔ ne wɔn ho a osusuw adi kyerɛe no mu. Ɔbarima no san bae dapɛn a edi hɔ no a okura nhoma a wɔfrɛ no Me Nhoma a ɛka Bible mu Nsɛm no. Obuee mu na ɔde emu asɛm a ɛto so 33, “Ɛpo Kɔkɔɔ No Twa” kyerɛɛ me. Bere a mankenkan na mmom ɛdenam mfonini no nkutoo so no, misusuw nea esii no ho​—Onyankopɔn nam anwonwa kwan so gyee ne nkurɔfo fii nhyɛsofo no nsam.

Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Oyi ne Onyankopɔn a merehwehwɛ no no.’ Dapɛn a edi hɔ no, mene Yehowa Adansefo fii Bible adesua a wɔyɛ no daa ase, na bere a mekɔɔ so suae no, minyaa me nsemmisa ahorow no nyinaa ho mmuae a ntease wom fii Bible no mu. Yiw, awiei koraa no, mahu nokware Nyankopɔn no a mɛsom no sɛnea ɛbɛyɛ a metua me ka no. Sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkyerɛ sɛ mede me nkwa ama sɛ mɛsom no daa no, mema wɔbɔɔ me asu.

Mprempren de, mede me bere reboa nkurɔfo ma wɔasua Yehowa, nea enti a wama nsɛmmɔnedi ho kwan abedu nnɛ ne ɔkwan a ɔnam so beyi ɔhaw ahorow a ɛwɔ asase so afi hɔ nnansa yi ara ho ade. Afei de manya asomdwoe ne ahotɔ ankasa na me ne Yehowa asase so ahyehyɛde a me nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ wom no resom.

[Kratafa 27 mfoni]

Me ne me nua ba a mitumi ma ɔhomee bio no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena