So Worehwehwɛ Aware Mu Ɔhokafo?
Su ahorow bɛn na ɔhokafo wɔ a ɛbɛboa kɛse ma aware ayɛ anigye? Ababaa bi a na ɔresusuw eyi ho kyerɛwee wɔ n’aseda krataa bi mu sɛ:
“Na minni baabi a metumi akɔ akonya nsɛm a ɛfa aware mu ɔhokafo paw anaa nsɛm a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho bere a wonsusuw aware ho no ho ankasa. Ná mebɔ Yehowa mpae bere nyinaa sɛ ɔmmoa me wɔ ɔhokafo a mɛpaw no mu . . . Ɛyɛɛ me nwonwa kɛse bere a woyii Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no adi no. Ɛyɛ me mpaebɔ no ho mmuae ampa. Na minim sɛ ɛbɛboa me ma mayɛ ɔyere pa, obi a ne kunu ani begye ne ho. Meda mo ase sɛ motintim nhoma foforo yi. M’ani asɔ kɛse.”
Sɛ wopɛ sɛ wɔboa wo ma woapaw aware mu ɔhokafo anaasɛ woma w’aware yɛ nea anigye wom a, nhoma yi betumi ayɛ saa. Wubetumi anya biako bere a wɔahyehyɛ kratasin a ɛka ho yi na wode amana no.
Mesrɛ mo momfa Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma a akyi yɛ den a ekura nkratafa 192 no biako mmana me. Mede ₵60 ɛhyɛ mu de retua ka.