Ɔhaw a Ɛrenya Nkɔso a Ɛfa Akenkan Ho
SUSUW ɔhaw ara a ɛbɛyɛ sɛ wubehu kwan bere a wuntumi nkenkan nsɛnkyerɛnne bi a ɛwɔ borɔn so no ho. Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi afa aduru bi yiye bere a wuntumi nkenkan ɛho akwankyerɛ a ɛwɔ ho no? Na wobɛyɛ dɛn abisa adwuma bi ho kwan bere a wuntumi nkenkan ɛho akwammisa krataa no?
Eyi yɛ ɔhaw ahorow a wɔn a wontumi nkennkan ade hyia mu kakraa bi pɛ. Nanso wobu akontaa sɛ Amerika mpanyimfo baanum biara mu biako, nnipa bɛyɛ 27,000,000 yɛ wɔn a wonnim nhoma yiye.a Wɔ 1980 mu no, na wɔka ne nyinaa bom a nnipa bɛyɛ ɔpepem 824 na wonnim nhoma wɔ wiase nyinaa a wɔadi fi mfe 15 de rekɔ, na wɔn dodow no rekɔ anim ntɛm. Nea efi mu ba no yɛ awerɛhow. Sɛ nhwɛso no, Asoɛe a ɛhwɛ adwumayɛ ho nsɛm so wɔ United States no bu akontaa sɛ nnipa a wonnya adwuma nyɛ no ɔha biara mu 75 nni akenkan ne nkitahodi ho nimdeɛ a ɛho hia.
Nanso ɛnyɛ adwumayɛ mu nko na wɔn a wontumi nkenkan ade no hyia ɔhaw ahorow. Wɔhwere nneɛma pii a ɛde ahosɛpɛw ne anigye ba. Susuw sɛnea asetra betumi anya nkɔso esiane wiase a atwa yɛn ho ahyia no ho nimdeɛ kɛse a wubenya nti no ho. Hwɛ sɛnea anka yɛbɛtɔ sin bere a nea yɛn ankasa yehu anaasɛ yenya mu osuahu no nkutoo ho ade na yetumi sua no! Akenkan bue nimdeɛ a wɔde asie mfehaha pii no ho kwan.
Akenkan yɛ ade a onipa tumi yɛ a ɛyɛ nwonwa. Sɛnea Science Digest ka no: “Wɔ bere tiaa mu no w’ani ne w’adwene di akɔneneaba, ɛfa so ntɛm ara, ɛboaboa nsɛm ano na edi nsɛm ho dwuma wɔ ɔkwan a ebetumi ne computer a ɛsen biara no adi asi so.”
So wobɛpɛ sɛ w’akenkan nya nkoso? Anaasɛ wobɛpɛ sɛ woboa obi foforo ma ɔyɛ saa? Wɔ nsɛm abien a edidi so no mu no, yɛbɛhwehwɛ nneɛma ahorow a ɛde akenkan ho ɔhaw ahorow ba no bi mu na yɛde nyansahyɛ ahorow bɛma a ɛbɛboa obi ma n’akenkan anya nkoso.
[Ase hɔ nsɛm]
a Obi a onnim nhoma yiye no ntumi nkenkan na ntumi nkyerɛw nso, nea ɛho hia na obi akenkan akwammisa krataa, ayɛ sɔhwɛ ahorow ne nea ɛkeka ho no.
[Kratafa 3 mfoni]
Ɔkwan bɛn so na wubetumi abisa adwuma bi ho kwan bere a wuntumi nkenkan ɛho akwammisa krataa no?