Aba Nketewa A Ɛdan Nnua Akɛse
Nnua a ɛso sen biara (nanso ɛnyɛ nea ɛware sen biara) wɔ wiase nyinaa ne sequoia nnua akɛse no. Wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a sequoia nnua a akyɛ no tenten bɛyɛ anammɔn 250. Nea ɛsoso sen biara wom a ɛne General Sherman, General Grant, ne Boole Tree no yɛ nea wohu wɔ anaasɛ ɛbemmɛn Sequoias ne Kings Canyon ɔman agorudibea a ɛwɔ California, U.S.A. no. Ne kɛse bɛyɛ efi anammɔn 27 kosi bɛboro anammɔn 30 wɔ fi ne fam kɔ soro no anammɔn 4.
Nea ɛyɛ nwonwa nso ne nokwasɛm yi a Discovering Sierra Trees nhoma a Stephen F. Arno kyerɛwee da no adi no: General Sherman no dutan da so ara yɛ anammɔn 17 wɔ ne ntwamu no mu wɔ baabi a ne tenten yɛ anammɔn 120 fi fam rekɔ no! Saa dua yi tenten yɛ anammɔn 272, na ne dubaa kɛse a edi kan no kɔ soro araa ma ebetumi ayɛ nea ɛwɔ soro sen abansoro dan a ɛtoa so 12. Saa dubaa yi kɛse yɛ anammɔn 7 na ne tenten yɛ anammɔn 125.
Nanso sequoia aba yɛ nea esua araa ma egye 91,000 ansa na emu duru adu nkaribo biako! Fa ɛno toto dua a wɔfrɛ no Digger pine ketewa koraa a ebia ne tenten bɛyɛ anammɔn 60 pɛ na ne ntwamu bɛyɛ ananmmɔn 2 nanso n’aba 750 pɛ na ɛyɛ nkaribo biako no ho.