Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 10/8 kr. 10
  • Nea na Nazi-sɛm kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea na Nazi-sɛm kyerɛ
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔpow Nazi-Sɛm—Henanom?
    Nyan!—1985
  • So Ebetumi Aba Bio?
    Nyan!—1985
  • Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo
    Nyan!—1993
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Ɛbae?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 10/8 kr. 10

Nea Na Nazi-Sɛm Kyerɛ

Wɔ William L. Shirer nhoma The Rise and Fall of the Third Reich no mu no, ɔkyerɛ nea na Nazisɛm kyerɛ ma nsase ahorow a adi so no: nneɛma a wɔfow ne nsisi​—ne nea enye sen saa koraa. Shirer kae sɛ, nea ɛka nneɛma afoforo ho no ne sɛ: “Ná Yudafo ne Slavfo ne Untermenschen​—adesamma a wɔba fam. Wɔ Hitler fam no, wonni hokwan sɛ wɔtra nkwa mu, gye Slavfo no mu binom na ebia wobehia wɔn ma wɔayɛ adwuma wɔ mfuw ne nkorommoa mu sɛ nkoa . . . Ɛsɛ sɛ wogu Rusiafo, Polandfo ne nnipa afoforo a wɔyɛ Slavfo no amanne ase na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔkɔ sukuu.”

Bere a Shirer kaa honam fam nneɛma pii a Nasifo no sesaw fii nsase a wɔde wɔn asraafo koguu so no so ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ, “ɛnyɛ honam fam nneɛma a wɔtow no” na wɔde bɛkae Nazi nniso a ɛtraa hɔ bere tiaa bi no bere tenten na “mmom nnipa nkwa.” Ɔkae sɛ: “Wɔ ha no, brɛ a Nasifo brɛɛ nnipa ase kɛse no koduu baabi a nnipa ntaa nhu bi wɔ wɔn asetra nyinaa mu wɔ asase so. Wɔhyɛɛ mmarima ne mmea ɔpepem pii a wɔn ho tew na wɔn ho nni asɛm ma wɔyɛ adwuma na wɔyɛɛ ɔpepem pii ayayade wɔ adwumayɛban ahorow mu na ɔpepem pii nso, . . . wokunkum wɔn anaa wɔhyɛɛ da maa ɔkɔm dee wɔn ma wowuwui. Shirer de baa awiei sɛ: “Asɛm a ɛyɛ hu yi bɛyɛ nea wonnye nni, sɛ anka wɔn a wɔyɛe no ankasa ankyerɛw ho asɛm anto hɔ na wɔanni ho adanse kɛse a.” Nokware mu no, nnipa a wɔyɛɛ wɔn saa no nso akyerɛw ahude ahorow no ho asɛm ato hɔ na wɔadi ho adanse.

Bible no ka adesamma nniso ho asɛm pɛpɛɛpɛ sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” Bio nso: “Enni ɔbarima nsam sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. [Yehowa] teɛ me so? Enti Bible no tu fo sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwa-gye bi nni ne mu so.​—Ɔsɛnkafo 8:9; Yeremia 10:23, 24; Dwom 146:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena