Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 7/8 kr. 22-25
  • Bere a Sika Kasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Sika Kasa
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sika ho Dɔ Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Anigye A Wɔtɔ A Wɔmmfa Sika
    Nyan!—1988
  • Wopɛ Sika Anaa Wo Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 7/8 kr. 22-25

Bere a Sika Kasa

SO WUNIM me? Ɛsɛ sɛ wuhu me, efisɛ mene ade a wɔhwehwɛ n’akyi kwan kɛse wɔ asase so. Ɛkame ayɛ sɛ wubetumi ahu me wɔ wiase no fã baabiara, a kasa a wɔka no mfa ho. Asase biara so nnipa kakraa bi na wobesusuw ho sɛ wɔremfa me nka wɔn ho nkɔ baabiara a wɔbɛko. Mpɛn pii akodi ahorow ne bere tenten a wɔde ko no gyina me dodow pii a wɔwɔ ne wɔ a mewɔ hɔ no so.

Wogye mmofra pii fi awofo nsam esiane agyede a mitua nti. Wɔnam atuo so gye me fi nnipa nsam anaa wɔde me ma nnipa a wɔhyɛ bɔ ahorow a ɛnyɛ nokware a wonnye wɔn hwee. Mmea binom ware anaa wogyae aware esiane me nti. Mitumi paapae mmusua horow mu na mitumi de ɔhaw ahorow pii ba wɔn a wɔdɔ me no so. Bere bi mihuu ɔbarima bi a oyii n’adamfo a ɔsen biara a obetumi anya mae de gyee me dodow a ɛyɛ nnwetɛbonna 30.

Ɛda adi sɛ nnipa apirapira wɔn ho wɔn ho kɛse na wɔde ɔhaw ahorow a enni awiei aba wɔn ho wɔn ho so wɔ me din mu sen biribi foforo biara. Dɔ a wɔdɔ me no ne “bɔne nyinaa ntini” ampa.​—1 Timoteo 6:10.

Me din de sika! Amerikani ɔkyerɛwfo Washington Irving kaa me ho asɛm sɛ “dɔla otumfoɔ, saa ade kɛse a amansan nyinaa som no wɔ yɛn asase so nyinaa yi.” Nanso wɔ wo man mu no, ebia wɔfrɛ me peso, pound, franc anaasɛ sidi. Sɛnea wɔfrɛ me biara no, ɛkame ayɛ sɛ wɔnam ɔkwammɔne so hwehwɛ me kɛse.

Meyɛ nneɛma ahorow ma nnipa ahorow ahorow. Wɔde me ma adanmude, wɔde me ma nkurɔfo ma wɔka wɔn ano tom. Wowia me, wɔde me ma nkurɔfo ma wɔka mogya gu na wɔde me tua ɔbea a ne kunu agyae no aware ka. Wɔde me tɔ nnubɔne, nsa ne tawa. Eyi ne nneɛma a ebinom tumi de me yɛ a ekunkum wɔn kɛse anaasɛ ɛsɛe wɔn nkwaa no mu kakraa bi. Wɔ afoforo fam no, mene sika a me ho hia nanso wɔn nsa nka na wɔde ahwɛ wɔn ho da biara no​—ebinom ka sɛ mewɔ ntaban a mede tu. Wɔn a wɔwɔ ɔdɔ a enni awiei ma me no ma ahonyade ne anigye pii a wosusuw sɛ wobenya no kanyan wɔn. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, bere a ebinom aboaboa pii ano akyi mpo no, wohu sɛ memma wonnya anigye a wosusuw sɛ wobenya no na wɔn ho dɔm a wodi no rekɔ so kɛse. Wɔakyerɛw nhoma pii, de akyerɛ sɛ menyɛ ɔhaw ahorow nyinaa ano aduru sɛnea nnipa ahwɛ kwan sɛ meyɛ no.

Mente sɛnea mete kan no. Ebia sɛnea me nipadua te no bɛsakra. Mprempren wɔ United States no, adwumayɛbea a ɛhwɛ faako a wɔde me sie ho nsɛm so no resusuw adwene a woanya a ɛne sɛ wɔbɛsakra sɛnea mete no ho, te sɛ krataa a ɛsono ne color a wɔde betwa me sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo ntumi ntwa bi mfra mu. Esiane nnansa yi mfiridwuma ho nimdeɛ a wɔanya wɔ twa a wɔtwa no ho nti, wobetumi ahwɛ me so atwa me pɛpɛɛpɛ ma enti obi a wɔatete no ma otumi hu nea nkurɔfo atwa afra mu no ntumi nhu. Nanso sɛnea color no te biara no, nya a wobenya me no renyɛ mmerɛw nsen sɛnea wonyaa me kan no.

Nanso nsakrae atitiriw a wɔahu no yɛ nea ɛfa bo a mesom no ho. Ɛfa nneɛma bo a ɛkɔ fam ne nea ne bo kɔ soro no ho. Sɛ nneɛma bo yɛ den a bo a mesom no ba fam. Ɛnyɛ sɛ wo haw ahorow ne nneɛma a wususuw ho no dodow a ɛkɔ soro nko, na mmom nneɛma a wode me sesa no bo nso yɛ saa ara. Enti ade a wɔ bere bi a atwam no mu no wode me mu biako anaa kakraa bi betumi atɔ no yɛ nea wode me mu pii bɛtɔ nnɛ.

Mo mu pii renkae nneɛma a esisii wɔ 1908 mu tɔnn no, nanso wɔ me fam no, ɛte sɛ nea esisii nnɛra. Wɔ w’adwenem no, ɛsɛ sɛ woyɛ aguadi mu ntotoho. So wopɛ ɔmo? Wɔ saa afe no mu no, na wubetumi de sɛnt 65 (wɔ U.S.A. sika mu) atɔ nkaribo du. Ná wubetumi de sɛnt 95 pɛ atɔ kafe adaka a emu duru yɛ nkaribo anum. So wudi pankeeki ne ɛwo anɔpa? Susuw nea ɛwo galɔn anum bo bɛyɛ no ho​—ne bo yɛ $1.89 pɛ. So woka wɔn a wɔpɛ mman a wɔahow no ho? Ɛnde anka wubetumi de sɛnt 87 pɛ atɔ bokiti biako a emu duru yɛ nkaribo anum anaa wode sɛnt 69 bɛtɔ kankyee mu nam ahorow asia. Wubetumi de sɛnt 45 pɛ atɔ nkwan a wɔayɛ agu kankyee mu ahorow asia​—ɛyɛ ahorow a wubetumi apaw nea wopɛ a osudanna nkwan ka ho; anaasɛ wubetumi de sɛnt 60 atɔ tomato kankyee asia. So wunim sɛ sɛnt 21 pɛ tumi tɔ nkate a wɔahyɛ ne nkyene kankyee fã a emu duru yɛ nkaribo biako ne fã? Eyi ne nneɛma kakraa bi a yebetumi abobɔ din.

Ebia woyɛ ɔbea a wopɛ sɛ wototɔ wo dan mu nneɛma? Wopɛ dade mpa? $16.45 bɛka wo sika nhyehyɛe dɛn? So wo anaa w’abusua no muni bi bɔ adakabɛn sanku? Ɛnde wobetumi de $68.00 pɛ atɔ biako a ɛyɛ fɛ a wɔde mahogany ayɛ. Yiw, anka metumi atɔ eyinom nyinaa ne pii a ɛsen saa wɔ afe 1908 mu.

Nanso ebedu afe 1930 mu no, nsakrae kɛse baa sɛnea mitumi tɔ nneɛma no mu. Ná bo a mesom no so atew abedu sɛnea na ɛte wɔ 1908 mu no fã pɛpɛɛpɛ. Sɛ́ dɔla biako no, mprempren bo a mesom yɛ sɛnt 50. Nneɛma bo a mema ɛko soro ne bo a mesom a ɛso tew ba fam a ɛhaw wo no abɛyɛ nea wontumi nsiw ano mprempren. Ebeduu afe 1960 mu no, na me bo a mesom no so atew abedu sɛnt 28. Ebeduu 1982 no, na meyɛ sɛnt akron. Na ebedu afe 2000 no, wɔhwɛ kwan sɛ me so bɛtew adu kaprɛ anan pɛ.

Bere a na eyi rekɔ so wɔ Amerika no, na Germany rehyia ɔhaw ahorow wɔ ne sika ho. Ansa na wofii Wiase Ko I ase no, na Germanfo mark no som bo kɛse. Nanso ebeduu afe 1923 no, na bo a mesom me, sɛ Germanfo mark no so atew araa ma wheelbarrow ma ntumi ntɔ atesɛm krataa mpo. Na nkurɔfo koyi mfe 20 ahobammɔ ho ka (insurance) sika de tɔ paano sebɔw biako. Na egye Germanfo sika no ɔpepepepem biako na atumi atɔ ade a Amerikafo dɔla no biako tumi tɔ no. Bere a wotwaa mark no ɔpepepepem biako a ebom biako sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ ɔhaw mma oniiko a ɔde rekɔtɔ ade no, ɛbɛyɛ nea mfaso biara nni so koraa ma enti nnipa kakraa bi na wɔhaw wɔn ho gyina hɔ sɛ wɔbɛtwɛn agye wɔn nsesa. Awiei koraa no, wɔyɛɛ sikasɛm ho nhyehyɛe foforo ansa na wotumi maa nneɛma a ne bo rekɔ soro wɔ ɔman no mu no gyaee kakra.

Wɔ wiase nyinaa no, nkurɔfo de wɔn ho to me so. Wosusuw sɛ, sɛ wonya me a, medi wɔn haw ahorow nyinaa ho dwuma ama wɔn. Awiei no, ɛda adi sɛ mente saa. Meyɛ kratasin anaasɛ sika pa kakraa bi ara kwa. Nea mitumi tɔ no na ɛkyerɛ bo a mesom. Sɛ mintumi ntɔ hwee a, ɛnde na mfaso nni me so. Eyi ma mekae asɛm bi a ɔhene nyansafo bi a wɔfrɛ no Salomo kae bere bi no: “Wo sika betumi atu akɔ te sɛ nea afuw ntaban na atu akɔ te sɛ ɔkɔre.” (Mmebusɛm 23:5, Today’s English Version) Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ sɛ wɔayɛ ɔkɔre a watrɛw ne ntaban mu a ɔreba abetu mfonini agu me a meyɛ Amerikafo dɔla no so. So ɛbɛyɛ sɛ ɔreka no brɛoo sɛ, ‘Hwɛ yiye, wo a woretaa me no! Metu akɔ.’

Esiane sɛ nya a wubenya me no yɛ den na meyɛ ade a me ho yɛ nna kɛse nti, ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye kɛse wɔ sɛnea wode me totɔ nneɛma no ho. Sɛ woyɛ obi a ɔma ne sika ho nhyehyɛe tra n’adwenem bere a ɔretotɔ nneɛma wɔ aguadidan mu nanso ɛho sika a wutuae no ma wo aba mu bu a, nya koma. Aduan ho ka nte sɛ nneɛma a wɔtɔn wɔ aguadidan mu ho ka. Nneɛma a ɛnyɛ nea wodi ahe na wotɔe​—sɛ yɛbɛbobɔ emu kakraa bi din a ɛne samina a wɔde si nneɛma ne nea wɔde guare ne nneɛma a wɔde siesie wɔn ho?

Esiane sɛ mede me nkwa nna nyinaa atra nnipa ahorow ahorow nyinaa a wokodi gua a wɔyɛ anyansafo ne nkwaseafo, wɔn a wɔn ani kũ wɔn sika ho nhyehyɛe ho a wɔn ho akokwaw ne wɔn a wɔn ho nkokwawee kotoku mu nti, maboaboa afotu pii a ɛbɛma wɔatumi de me asie no ano. Ebia emu kakraa bi bɛboa wo. Nea abenfo ka ni.

Kyerɛw nneɛma a ɛho hia sɛ wototɔ no gu krataa so ansa na woakodi gua na tɔ nea wɔakyerɛw no nkutoo. Nkɔtɔ aduan nni bere a ɔkɔm de wo no. Ebetumi aba sɛ wo yafunu so sen sika a wukura no. Mfa wo mma nka wo ho nkodi gua, gye sɛ woasiesie wo ho sɛ wobɛtɔ biribiara a wɔpɛ no ama wɔn. Na ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woremfa wo kunu nka ho nkɔ​—wɔ nsɛm pii mu no, okununom yɛ nnipa a wogyina nkate so tɔ ade.

Ntaa nkodi gua ntoatoa so. Abenfo ka sɛ akontaabu kyerɛ sɛ, sɛ wukodi gua pɛnkoro anaa mprenu dapɛn biara a, ɛda adi sɛ wobɛsɛe sika kakraa bi. Ntra gua no so nkyɛ. Nhwehwɛmu ahorow a wɔyɛe wɔ aguadidan mu aguadi ho kyerɛɛ sɛ, wudi sɛnt 50 wɔ simma biako biara a wudi ka simma 30 ho no mu.

Ɔbenfo foforo ka sɛ tɔ biribiara a wuhia no dodow nyinaa. Mpɛn pii worensɛe sika pii bere a wotɔ nkate anaa adua, tomato anaa nnuaba ne nneɛma afoforo a ɛwɔ nkankyee akɛse mu nsen nea ɛwɔ nkankyee nketewa mu. Saa ara na nufusu galɔn biako a wobɛtɔ no ye sen emu nkyem anan mu biako. Nanso hwɛ sɛ sɛnea w’abusua no kɛse te no yɛ nea di a mode akɛse no bedi dwuma no bɛma aso mo anaa.

Esiane sɛ akwantu sɛe me mu fã kɛse ara nti, twa kar mu a wotra kodi gua ne mu a wotra kɔ mmeae afoforo no so. Di kan yɛ nhyehyɛe na sua sɛnea wobɛka mmeae horow a wotra kar mu kɔ hɔ a ɔkwan no nware no abom ayɛ no biako. Ebia kar a wode bɛkɔ aguadidan ahorow mu akɔhwɛ nneɛma bo bɛma woanya nea ne bo yɛ fow nanso bere koro no ara mu no wobɛsɛe petrol pii.

Ɛnde yɛn nyinaa nim sɛ mitumi ba wo kotoku mu na mitumi fi mu ntɛm ara. Nanso meyɛ ade a me ho hia wɔ w’asetra mu. Metumi ama woanya anigye kakra sɛ wuhu bo a mesom no ankasa a. Nanso sɛ woma me som bo tra so na woyɛ me botae titiriw wo asetra mu a, metumi ayɛ asiane kɛse!

[Box on page 25]

“Nso onyamesom pa a ɔpene wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno afa nnɔɔ yɛn so. Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”​—1 Timoteo 6:6-10.

[Kratafa 23 mfoni]

Ebinom ka sɛ mitumi tu kɔ!

[Kratafa 24 mfoni]

Wheelbarrow a mayɛ mu ma rentumi ntɔ atesɛm krataa mpo

[Kratafa 25 mfoni]

Sɛ wode me yɛ wo botae titiriw wɔ asetra mu a, metumi ayɛ asiane kɛse!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena