Asomdwoe Adwene Yɛ Ɔhonam Nkwa
So adwene no nya nipadua no so tumi? Swedenfo siniyɛfo baanu gye di sɛ ɛte saa. Wɔreyɛ sini bi a ɛfa adwenemyare ho a wobeyi akyerɛ wɔ Scandinavia. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛ sɛ nea wɔkae wɔ komayare ho no yɛ nokware no, wɔtwee adwene sii kurow ketewaa bi a wɔfrɛ no Roseto a ɛwɔ bepɔw ketewaa bi a ɛwɔ Pennsylvania ase no so.
Sɛnea Express a wotintim wɔ Easton, Pennsylvania kyerɛ no, siniyɛfo no mu biako kae sɛ, “Adwene a manya ne sɛ nnipa a wɔte Roseto no yɛ wɔn a wɔwɔ ahotoso ne akomatɔyam kɛse. Sɛ wode wɔn toto nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho a, wɔn mu fã kɛse no ara yɛ nnipa a wɔwɔ anigye. Wɔyɛ nnipa a wonni adwenemhaw kɛse. Nnɛyi asetra nyɛ nea ɛhaw wɔn kɛse.”
Wɔ 1960 mfe no mfiase mu hɔ no. Ɔdenimfo Stewart Wolf yɛɛ nhwehwɛmu bi a ɛfa Rosetofo no asetra ne wɔn su ahorow ho. Ohui sɛ, “ɛyɛ nea ɛyɛ den kɛse sɛ Rosetofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no betumi anya komayare ne nyarewa ahorow a adwenehaw de ba.” Wolf “nhwehwɛmufo kuw no kyerɛe sɛ eyi fi tete asetra a egyina abusua asetra a wɔbom yɛ ade kɛse no so.”
Bɛyɛ mfirihyia 20 akyi no, Swedenfo siniyɛfo baanu no nyaa adwene a ɛte saa ara. “Yɛahu sɛ bere dodow a kurow ketewaa no mufo kɔɔ so traa ase te sɛ nea tete Italiafo yɛe—tra a wɔtra ase bom wɔ faako na wɔhwɛ wɔn ankasa ho no”—wonyaa akwahosan pa. Nanso bere a wɔtwee wɔn ho fii amammerɛ ho wɔ 1960 ne 1970 mfe no mfiase mu hɔ no, wɔbɛyɛɛ wɔn a wonni apɔwmuden kɛse.
Nnuruyɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ reda nyansa a ɛwɔ Bible mu bɛ bi a wobui mfehaha pii ni mu no adi: “Asomdwoe adwene yɛ ɔhonam nkwa.”—Mmebusɛm 14:30, Today’s English Version.