“Obi Nni Dɔ Kɛse A Ɛsen Eyi”
FRANCOIS a, ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako a ɔte Paris, France no nim Yesu Kristo asɛm yi yiye: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:12, 13) Nanso Francois anhu sɛ sɛ ɔsɔre September 22 a etwaam no anɔpa a, saa Yesu asɛm yi bɛkyerɛ biribi foforo ama no ansa na ade asa.
Saa anwummere no, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Paris Mfinimfini no nhyiam a wɔbɛyɛ no 5:30 p.m. no. Bɛyɛ mfe 25 a atwam ni no, asafo no hyia wɔ asa a wɔde ama wɔn ma wotua ho ka bere nyinaa a ɛwɔ adwumayɛbea dan dedaw bi abansoro a ɛto so anan so no so. Ɔdan no wɔ borɔn bi a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Avenue de I’Opera a agye din a ɛbɛn Louvre Tete Nneɛma Akorae no so.
Esiane sɛ na ɔsom sɛ obi a ogye ahɔho na ɔma wɔn baabi tra nti, ogyina bɛnee ɔpon no ano a wasiesie ne ho sɛ ɔbɛma obiara a waka akyi no akwaaba. Na ɔkasafo no reyɛ adu ne Bible mu ɔkasa no mfinimfini bere a Francois tee biribi a ɛrehyew hua mpofirim ara no. Afei ohui sɛ wusiw kakraa bi fi ɔpon a ɛba ɔdan no mu no ase repue. Francois buee ɔpon no na ohuu akwantu adaka bi a ɛyɛ ahabamomono wɔ akyi pɛɛ a wusiw repue afi mu.
Bere a osoo akwantu adaka no mu no, Francois sian atrapoe ahorow abiɛsa no ntɛmntɛm nanso ohintiw bere a oduu atrapoe no ase no. Akwantu adaka no hwee fam na ebuei a rɔba kankyee bi a ɛyɛ akokɔsrade a pɛtrol wom fii mu tɔɔ fam. Ntɛm ara ɔtow akwantu adaka a wusiw refi mu no mu na bere a ɛda ne nsa so no, opue fii ɔdan no mu na otwaa lɔre kwan no mu ntɛmntɛm na ɔbɔɔ mmɔden kwatii kar bi a ɛretwam no. Ɔtow akwantu adaka no too asuti bi a ɛwɔ borɔn no so no nsuka mu. Afei otuu mmirika kɔfaa pɛtrol kankyee no na esiane sɛ na osuro sɛ ebia ɛbɛyɛ ɔtopae nti, ɔsan n’akyi ntɛm ara kɔɔ asuti no ho na ɔtow ɛno nso too nsu no mu.
Saa bere yi de na asafo no mu mpanyimfo baanu a wɔafi nhyiam no ase sɛ wɔrebɛhwɛ nea ɛrekɔ so no abɛka ne ho wɔ asuti no ho. Esiane sɛ na wusiw da so ara refi akwantu adaka a ne fã amem wɔ nsu no mu no mu reba nti, mpanyimfo no mu biako kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ polisifo amanneɛ denam telefon so ntɛm ara. Bere a ɔtopae no towee no na wɔanantew afi asuti no ho kakra. Mfɛnsere ahorow a ani kyerɛ borɔn no so no bubui na ahwehwɛ a ɛregu fam no pirapiraa nnipa pii kakra. Atɛkyɛ ne nsu bɔ guu Francois ne asafo no mu mpanyimfo no ho nanso wɔampira. Ɛda adi sɛ nsuti no ho ban a wɔagye no bɔɔ wɔn ho ban fii ɔtopae a ɛtowee no ho.
Ahenni Asa a ɛwɔ abansoro a ɛwɔ kwan no ho no mfɛnsere bubui na tow a ɛtowee no maa atiefo no bi hwehwee ase. Nanso nnipa a wɔwɔ nhyiam no ase no mu biara nni hɔ a opirae. Ahwehwɛ a ɛbɔ petee no mu fã kɛse no ara bɛkaa nkatanim a emu yɛ duru no mu.
Nea na ɔrema ɔkasa no anwummere no hyɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ komm. Bere a wɔabɔ Yehowa mpae a emu yɛ hyew de ada no ase wɔ wɔn ho ban a ɔbɔe no akyi no, wɔtoaa nhyiam no so. Ankyɛ biara, polisifo ne adwumayɛfo a wodum ogya baa hɔ. Nanso wɔtwɛn kosii sɛ wɔpɔn nhyiam no ansa na wɔyɛɛ wɔn nhwehwɛmu no ma wɔprapraa ahwehwɛ a abobɔ agu asa no so no.
Aban mpanyimfo no kamfoo Adansefo no wɔ wɔn akokoduru no ho ne titiriw no, Francois wɔ ne mmaninne no ho. Wɔn nyinaa de biakoyɛ kae sɛ na wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa nkwa gyina Francois adwene a emu da hɔ ne ade a ɔyɛɛ ne ntɛm no so. Sɛ ɔtopae no towee wɔ atrapoe a wɔde nnua ayɛ no so wɔ ɔpon no akyi na petrol a ɛwɔ kankyee mu no maa ogya tɔɔ mu a, anka ogyaframa no remma wontumi mpue.
France nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea no kaa ɔtopae no ho asɛm kɛse. Switzerland atesɛm krataa bi mpo bɔɔ ho amanneɛ wɔ asɛmti a ɛne “Akokoduru a Ɛyɛ Nwonwa” ase. Francois de, obisae na polisifo no bɔɔ ne ho ban fii nsɛnkyerɛwfo a wɔkyerɛw nsɛm ma TV ne nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea a na wɔpɛ sɛ wɔtwe adwene ba no so no ho. Bere a wobisaa no nsɛm no, ɔde ahobrɛase kae sɛ: “Mihui sɛ na yɛn nkwa da asiane mu. Enti misusuw sɛ eye sɛ me nkutoo bewu sen sɛ yɛn nyinaa bewuwu.”
Polisifo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ nwonwa sɛ woda so ara te ase. Ɛbɛyɛ sɛ wo Nyankopɔn no na ɔbɔɔ wo ho ban. Woyɛ Yehowa dansefo nokwafo.”
Wɔ bere a na yɛrekyerɛw yi mu no, na polisifo no da so ara rebɔ mmɔden sɛ wobehu onii a ɔde ɔtopae no bɛtoo hɔ no.