Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 11/8 kr. 3-4
  • Wo Tamfo A Ɔsen Biara—So Ɔne Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Tamfo A Ɔsen Biara—So Ɔne Wo?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena ne Ɔbonsam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • So Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ampa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Papa Bedi Bɔne So Nkonim Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 11/8 kr. 3-4

Wo Tamfo A Ɔsen Biara​—So Ɔne Wo?

PETER afipamfo kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “onipa pa . . . a na ɔpɛ mmirikatu ne tennis bɔ.” Bere a wadi mfe 33 pɛ no, na ɔyɛ adwuma a n’akatua kɔ anim yiye na na wagye din wɔ mmirikatu mu nso. Nanso da koro anɔpa omiaa ne papa menewa kum no. Dɛn na ɛma ɔyɛɛ saa? Sɛnea Daily News kyerɛ no, Peter teɛɛm sɛ, “Ɔbonsam na ɔma meyɛɛ eyi!”

Nanso, mpɛn pii no nsɛmmɔnedifo a wɔde Ɔbonsam na ɔma meyɛe yi wɔn ho ano no hu sɛ wɔde wɔn kɔ ayaresabea kɔhwehwɛ wɔn adwene mu mmom sen sɛ wobegyae wɔn. Na wɔ nsɛm binom mu no, ka a wɔka ara kwa sɛ wogye Ɔbonsam di no ma wogye tom sɛ ebia obi adwene ho rekã. Nnipa pii ka sɛ, ‘Biribi a ɛte sɛ sunsuma a ɛnenam na ɛma awudi ne nsɛmmɔnedi nya nkɔso anaa? Ɛyɛ serew!’ Ebia nea ntease wom kakraa ne adwene a ɛne sɛ ɔbonsam yɛ bɔne a ɛwɔ onipa ankasa mu no ho sɛnkyerɛnnede ara kwa no.

Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ onipa a ɔnyɛ pɛ wɔ nneɛma a enye wɔ ne ho. Bible no ka sɛ, “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Nanso mfedudu pii nhwehwɛmu a adwene ho adenimfo ayɛ sɛ wɔde behu ‘Ɔbonsam a ɔwɔ onipa mu no’ mfaa hwee mmae sɛ nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne ne ho bɔ abira a mpɛn pii no nea ɛwom ne nsɛm a ɛne ne ho nhyia a ɔhaw wɔ ho no. (Hwɛ adaka no mu.)

Fa wɔn a wɔka sɛ basabasa a onipa yɛ no fi susu a wosusuw sɛ yefi mmoa mu na ɛbae no sɛ nhwɛso. Wɔ ne nhoma a ɛne The Anatomy of Human Destructiveness mu no, Erich Fromm kyerɛ mu sɛ, nea ɛne nea pii gye di bɔ abira no, ɛnyɛ basabasa nkutoo na mmoa yɛ de hyia asiane: “Sɛ nkate a wɔwɔ sɛ wobeguan . . . no nnɔɔso nsen nkate a wɔwɔ sɛ wɔbɛko no mpo a, ɛne no yɛ pɛ.” Enti sɛ anka obi begye adannandi nkyerɛkyerɛ a ɔhaw pii wɔ ho no atom mpo a, adwene a ɛne sɛ onipa yɛ aboa a ɔyɛ basabasa no yɛ nea asɛm wɔ ho. Nanso sɛ onipa nyɛ n’ankasa tamfo a ɔsen biara a, ɛnde na ɛyɛ hena?

[Kratafa 3 adaka]

Hwehwɛ a wɔhwehwɛ ‘Ɔbonsam a ɔwɔ onipa mu no’

Wɔasɔ ahwɛ mpɛn pii sɛ wɔbɛma ada adi sɛ onipa nkutoo ne bɔne farebae. Sigmund Freud a ɔyɛ obi a ɔsa adwenem yare huu onipa sɛ ɔyɛ obi a owu ne nkwa nkate ahorow bi a tumi wom na epiapia no. Nanso obi a kan ɔne Freud bom yɛ adwuma a wɔfrɛ no Carl Jung huu “Ɔbonsam” a ɔwɔ onipa mu no sɛ “sunsuma” anaa biribi a ɛte sɛ aboa su a efi bere a onipa bɔ mmɔden sɛ obedi bɔne a ɛwɔ ne ho no so no. Konrad Lorenz kae sɛ basabasayɛ yɛ awosu, nea aka wɔ onipa adannandi abakɔsɛm mu. Abɔde ho adenimfo pii te nka sɛ ɛbɛyɛ sɛ sintɔ a ɛwɔ bɔbeasu mu na ɛkanyan basabasa a onipa yɛ no. Nea ɛma asɛm no mu yɛ den bio mpo ne wɔn a wɔka sɛ ntetee​—na ɛnyɛ awosu​—na ɛma ‘Ɔbonsam’ a ɔwɔ onipa mu no ba no. Ɛdenam eyi so no, wɔn a wosua onipa suban ne ne nneyɛe ho ade kyerɛ sɛ nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia te sɛ abusua ne nnamfo na wɔde bɔne ba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena