‘Ɛboaa Yɛn Aware No’
Ɛno ne asɛm a ɔbarima bi a wɔfrɛ no Glenn a ofi Louisiana kae. Yehowa Adansefo mu biako kyerɛw sɛ: “Bere a mihyiaa Glenn nea edi kan no, na ɔda ne lɔre ase nanso ɔsɔre fii ase na otiee nea mekae no yiye. Ɔpenee so sɛ ɔbɛkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no a wanyi ano. Adapɛn bi twaam ansa na yetumi too obi wɔ fie hɔ bio. Awiei koraa no yehyiaa ne yere, na ɔkae sɛ: ‘Yiw, ɔkaa saa nsɛmma nhoma a wakra no ho asɛm kyerɛɛ me. Me ho dwiriw me efisɛ ɔnkra nhoma biara. Nanso afi ase reba na eye paa! Yɛbom kenkan anadwo. Sɛ ɛsa a yɛbɛsan akra bio!’
“Yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan akɔsra wɔn bio bere a okunu ne ɔyere nyinaa wɔ fie no, na na wɔretwɛn yɛn wɔ bere a yɛahyɛ no mu! Yefii Bible adesua ase. Glenn kae sɛ: ‘Saa nsɛmma nhoma no ye ampa. Aboa yɛn aware no dedaw. Sɛ meba fie bedidi awia a mibisa Becky sɛ ebia foforo aba a.’”
Wo nso wobetumi de nsɛmma nhoma a egyina Bible so yi abrɛ wo wɔ wo fi denam kratasin yi a wobɛhyehyɛ de amana no so.
Mesrɛ mo momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mmana me afe biako; mede ¢320 ahyɛ mu de retua n’abien nyinaa ka.