Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 6/8 kr. 19
  • “Nkurobɔ” Krataa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nkurobɔ” Krataa
  • Nyan!—1984
Nyan!—1984
g84 6/8 kr. 19

“Nkurobɔ” Krataa

WƆ YEHOWA ADANSEFO ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Glens Falls, New York, akyi no, wotintim krataa a edi so yi a wɔkyerɛw kɔmaa nsɛnkyerɛwfo panyin no wɔ Glens Falls Post-Star mu:

“Nnawɔtwe a etwaam no, Yehowa Adansefo fi mmeae horow nyinaa baa nhyiam wɔ Glens Falls. Minnim faako a yebetumi apene saa atuatew su yi so akodu.

“Obiara annom wii. Obiara nni hɔ a na wanom nnubɔne anaa nsa abow. Wanto nnwom a ɛma atipae anaa etuatua asõ. Wɔanto ɔbrasɛe nnwom biara. Wɔamfa wɔn ho anhyɛ aguamammɔ mu. Tekit no tɔn nyɛ nea na wɔde resi konko. Obiara anteɛteɛm. Wɔansunsum wɔn yɔnko. Wɔanko ntɔkwaw bere a wɔrehyɛn nhyiambea hɔ anaasɛ bere a wɔrefi mu no. Worente sɛ obi reka ntam anaa ɔredome ne yɔnko. Obiara anka kasa fĩ. Worenhu nneyɛe a ɛho ntew wɔ hɔ. Wɔanni agoru a ɛho ntew anaasɛ wɔanka kasa a ɛho ntew. Esiane sɛ wɔanyɛ basabasa nti na polisifo ho nhia. Polisifo ankyere obiara sɛ wayɛ basabasa. Obiara ankyerɛ polisifo no faako a ɛsɛ sɛ wɔkɔ. Mmom no, wɔmaa polisifo no kyerɛɛ kwan. Worenhu sɛ sigaret wusiw ahyɛ Civic Center hɔ ma; mframa a na ɛwɔ hɔ no yɛ mframa pa.

“Mmea hyɛ mmea ntade. Mmarima hyɛ mmarima ntade a wɔasiesie wɔn ho kama. Okununom kurakura wɔn ankasa yerenom nsa. Awofo ne mma boom yɛɛ ade sɛ abusua. Mmofra tiee wɔn awofo na wɔammu obiara animtiaa anaasɛ wɔansɛesɛe nneɛma. Nnipa no kurakura Bible mmom na ɛnyɛ asekan. Obiara anwia ade.

“Obiara antow beer anaa soda nkankyee angugu sare ne nhwiren a wɔaduadua wɔ Glens Falls no so. Obiara ammobɔ beer anaa soda ntumpan angugu Glens Falls mmorɔn so.

“Ɛyɛ biribi a wɔntaa nhu ankasa. Mekyerɛ sɛ, dɛn na na ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn din mu yi? Sɛ yɛn mu bebree no ara yɛ yɛn ade sɛɛ a, so anka ɛbɛyɛ nea ɛbɛma afoforo asuro? Ɛma obi ho dwiriw no, ɛnte saa?”​—S. N. G., Whitehall, N. Y.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena