Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 9/8 kr. 21
  • Onyankopɔn—Yɛn Agya Ne Yɛn Na?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn—Yɛn Agya Ne Yɛn Na?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Abusua ti a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ?
    Nyan!—2004
  • So Yesu Yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Onyankopɔn Ne Kristo Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Ɔbarima ne Ɔbea—Obiara wɔ Asɛyɛde a Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 9/8 kr. 21

Onyankopɔn​—Yɛn Agya Ne Yɛn Na?

“MONNƆ MO ATAMFO na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo; na moayɛ [Onyankopɔn] mo Agya ne [mo Na] a ɔwɔ soro no mma.” So Yesu nsɛm yi a wɔakyerɛ ase sɛɛ yi ma wo ho dwiriw wo? Woyi fii The Inclusive Language Lectionary mu. Bible mu nsɛm a wɔapaw nkyerɛase foforo bi a National Council of Churches tintimii nnansa yi wɔ United States.​—Mateo 5:44, 45.

Eyi yɛ nkyerɛase soronko. Sɛnea The New York Times kyerɛ no, n’atirimpɔw ne sɛ “wobeyi nsɛmfua a egyina hɔ ma mmarima ne ɛho adwene a abu so wɔ Bible nkyerɛase ahorow a wɔadi kan ayɛ mu no afi hɔ.” Dɛn ntia? Sɛnea Times kyerɛ no. Ɔbenfo Susan B. Thistlethwaite kae sɛ, “Sɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛmfua no fa mmarima nkutoo ho a mmea te nka sɛ wɔayi wɔn afi mu.”

Enti, Onyankopɔn “Ba Barima koro a ɔwoo no” ba bɛyɛ “Onyankopɔn Ba koro.” Woti asɛmfua “Onyankopɔn” no mu mmom sen sɛ wɔde edin nsiananmu “ɔno” a wɔ borɔfo mu no ɛyɛ “he” a ɛkyerɛ ɔbarima no bedi dwuma. Saa ara na “Onipa Babarima” no ba bɛyɛ “Nea ofi Onipa.” (Yohane 3:13, 16, New World Translation) Sɛ anka ɛbɛka sɛ Yesu saa “Ɔbarima” bi yare no, ɛka sɛ ɔsaa “obi a n’ani afura fi awo mu” yare.​—Yohane 9:1.

Nanso, ebia nsakrae a ɛyɛ nwonwa pii ne ka a wɔka Onyankopɔn ho asɛm sɛ “Ɛna ne Agya” sɛnea ɛte wɔ nsɛm a yɛfa kaa asɛm wɔ nnianim asɛm no mu no. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn ho asɛm wɔ saa kwan yi so? Sɛnea Times kyerɛ no, nsusuwii no ne sɛ:”Agya a wɔde di dwuma de kyerɛ sɛnea Onyankopɔn te no ma Onyankopɔn benya bɔbeasu a sɛ wusua no yiye a Kyerɛwnsɛm no mpene so no. Wɔka nso sɛ ɛhyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmarima nkutoo ho nkuran.” So ntease wɔ ɛno mu?

Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔbarima sɛnea onipa te asɛmfua no ase no de, nanso wɔ nokwarem no. sɛ yɛbɛfrɛ no “Ɛna ne Agya” no de bɔbeasu ahorow abien ho adwene na ɛba. Wɔ Yesu fam no, bere a ɔwɔ asase so no na ɔyɛ ɔbarima ampa. Saa nokwasɛm no nsakrae, denam pow a wɔpow sɛ wɔbɛka ne ho asɛm sɛ “ɔbarima” no so. Nanso, bere a ɔsan kɔɔ soro no, ɔno nso anyɛ ɔbarima bio sɛnea onipa te asɛmfua no ase no.​—1 Korintofo 15:50; 1 Petro 3:18.

Nanso, Bible akyerɛwfo no ankasa kaa Onyankopɔn ho asɛm bere nyinaa sɛ “ɔbarima.” Ɛkame ayɛ sɛ wɔka ne ho asɛm bere nyinaa wɔ mmarima kabeam, te sɛ “Yɛn Agya.” (Mateo 6:9) Wɔkaa Yesu nso ho asɛm sɛ “ɔbarima” bere a ɔwɔ asase so ne bere a ɔwɔ soro no, na wɔtaa kyerɛ adwuma a ɔyɛ no sɛ ɛyɛ mmarima de, te sɛ n’asafo no kunu, ne “Asomdwoe hene [ɛnyɛ asomdwoe-hemmea.]”​—Yesaia 9:6; 2 Korintofo 11:2.

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Enti, Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no wɔ saa kwan yi so. Ɔpɛ sɛ yɛbɛfrɛ no sɛ “Yɛn Agya” na ɛnyɛ “Yɛn Na ne Yɛn Agya.” Wɔ nokwarem no nhoma nkyerɛasefo biara nni tumi sɛ ɔbɛkata eyi so ma ɛne afeha a ɛto so 20 yi nsusuwii horow a ɛnteɛ no ahyia.

So Bible no kyerɛkyerɛ “nkyerɛkyerɛ bi a ɛfa mmarima nkutoo ho”? Ɛnte saa ankasa. Mmom no, Bible no da nkwagye nhyehyɛe a animhwɛ nnim adi a ennyi mmea ‘mfi mu.’ Sɛ nhwɛso no, Paulo kae sɛ, wɔ Kristo mu no. “Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio.”​—Galatifo 3:28.

Nokwarem no, Bible no de tiyɛ ama ɔbarima sɛ onni ɔbea so, titiriw wɔ asafo no mu ne wɔ abusua no mu. (1 Korintofo 11:3) Ebia, nnɛmmafo binom rempɛ saa nkyerɛkyerɛ yi, nanso ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no fã. Sɛ́ anka wɔbɛbɔ mmɔden ayi afi hɔ denam sakra a wɔbɛsakra Bible no so no, so ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo mmarima ne mmea sua tiyɛ ho nnyinasosɛm no ho ade yiye, na wɔahu sɛnea wɔde bɛyɛ adwuma ma ɛho aba mfaso ama wɔn nyinaa na wɔde adi Kristo nhwɛso a ɛyɛ pɛ no akyi? Wɔ saa kwan yi so no wobekwati bɔne a emu yɛ duru a ɛne sakra a wɔbɛsakra Onyankopɔn Asɛm no. (Adiyisɛm 22:18, 19) Na wɔbɛma Onyankopɔn nyansa, ɛnyɛ onipa nyansa, akyerɛ wɔn kwan.​—1 Korintofo 2:6; 3:19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena