Ɛboaa Wɔn Ma Wogyaee Sigaretnom
Sukuuni kumaa bi a ɔwɔ Belgium gyaee sigaretnom. Bere a hokwan bae no, ɔkyerɛkyerɛ nea enti a wagyae no mu kyerɛɛ ne mfɛfo sukuufo. Ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔaka wɔ asɛm no ho wɔ Your Youth—Getting the Best out of It mu no na ɔkyekyɛɛ nhoma no bi maa wɔn.
Sukuufo no mu biako gyaee sigaretnom bere a ɔkenkanee nhoma no. Sukuuni foforo nã kenkanee nhoma no na ɔbaraa ne babarima sɛ mma ɔnnom sigaret bio. Ɛnã foforo kae sɛ ɔpɛ nhoma no pii. Sukuu no kwankyerɛfo panyin ani gyee nea na ɛrekɔ so no ho na ɔno nso ani begyee Yehowa Adansefo nhoma ho. Wɔka ne nyinaa bom a, wɔkyekyɛɛ nhoma ahorow 30.
Wɔ sigaretnom ho asɛm a ɛka akyi no, nhoma yi ka nnuru ne nsã a wɔnom ne nneɛma afoforo pii ho asɛm a ɛfa mmofra ho, a agumadi, nnwom, asaw, nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi ne nantew a edi aware anim ka ho.
Mesrɛ mo momfa nhoma Your Youth—Getting the Best out of It no biako mmana me. Mede ¢23 ahyɛ mu de retua ka.