Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 5/8 kr. 18-21
  • Anigye Ankasa A Mehwehwɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye Ankasa A Mehwehwɛe
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mebɔɔ Mmɔden sɛ Mekum Me Ho Ɛkaa Kakraa Ma Mikum Me Ba
    Nyan!—1983
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
  • Yehowa Ama Me Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Mifi Owu Kwan So Aba Nkwa Kwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 5/8 kr. 18-21

Anigye Ankasa A Mehwehwɛe

NÁ ƐYƐ ahuhuru bere wɔ 1970 mu, na na mewɔ kwae bi a ɛbɛn Revelstoke, British Columbia no mu. Mpofirim ara mibuu nkotodwe na mifii ase bɔɔ mpae denneennen. Ná nnua a atwa me ho ahyia no yɛ fɛ yiye ara a ebetumi akanyan me ma m’ani agye na mede aseda ama, nanso na ɛnyɛ ɛno na ɛrema mabɔ mpae no. Nokwarem no na ehu aka me ankasa. Ná mete nka sɛ me dwensɔtoaa ahon a ɛrebɛpae. Ná minim yiye sɛ merebewu. Ɛyɛ ehu na ɛma mibuu nkotodwe no. Na manom adubɔne bi a wɔfrɛ no LSD no ma atra so na na meresrɛ Onyankopɔn sɛ mma onkum me. Mesrɛ wo, ma me kwan na monkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a mebaa tebea a ɛyɛ hu yi mu no mu nkyerɛ wo.

Ɛrebedu 1960 mfe no mfinimfini no, na nsakrae ahorow rekɔ so wɔ California kurow a na mete mu no mu. Ná meyɛ abarimaa saa bere no na mefaa ɔkwan a ɛte sɛ nea ɛde anigye ankasa bɛbrɛ me so.

Dapɛn awiei biara na yɛnom nsa a ano yɛ den toa biako de fi anwummere no dwumadi ahorow ase. Ankyɛ na yɛde nnubɔne ahorow nom kaa asanom no ho. Mmere a yɛde kɔɔ sukuu no mu pii wɔ hɔ a na yɛanonom LSD, wii anaa marijuana. Ɛwom sɛ na akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔwɔ ahofama wɔ hɔ de, nanso yɛamma wɔantumi anyɛ wɔn adwuma.

Ná m’ani gye ho sɛ mede me ho bɛhyɛ agumadi mu, na na merenya nkɔso wom yiye, na mpo minyaa abasobɔde bi wɔ Northern Bay Akansi bi mu. Afei yefii ase nom nnubɔne ahorow ansa na agumadi ahorow no afi ase, sɛnea ɛbɛyɛ a “ɛbɛkanyan yɛn” na yɛanya ahoɔden pii de ayɛ saa. Nanso ankyɛ na anigye a mewɔ wɔ agumadi ahorow mu nyinaa sae, te sɛ nea ɛyɛe wɔ me nnamfonom no pii fam no. Nnubɔne a wɔde di dwuma, nsa a wɔnom ma ɛtra so, aguamammɔ ne honam fam nneɛma akyidi​—na eyinom ne nneɛma a mete nka sɛ ɛde anigye ankasa bɛbrɛ me.

Mekae bere bi a me ne me nnamfo binom anna nnanu esiane nnubɔne bi ne LSD a yɛnomee nti. Enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛnom hash ne bobesa kakra na ama yɛn ho adwo na yɛatumi ada. Ɛbɛyɛ saa bere no ara mu na obi a na mempɛ n’asɛm baa fie hɔ bɛtɔɔ wii wɔ yɛn nkyɛn. Mekae sɛ ɛnsɛ sɛ ogyina hɔ. Mekɔɔ ɔdan ketewaa no mu na mekɔfaa me ta a mede yɛ ha no. Mede agyan hyɛɛ ta no mu, metwee mu na migyaee mu. Ɛfom ne ti kakraa bi! Aberante no guanee! Nanso m’ankasa ne afoforo a na wɔne me wɔ ɔdan no mu no ani annye nea ɛkɔɔ so no ho. Na sɛ mikum no nso ɛ? Ná menyɛ onipa a ɔpɛ basabasayɛ ankasa, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ biribi a ɛte saa?

Wɔ 1970 mfiase mu ho no, me wofa ba Larry fii ase kaa Bible ho asɛm kyerɛɛ me. Nea na ɔka ho asɛm no yɛ anigye. Na mate biribi afa Bible nni asɛm no ho afi n’agya a ɔyɛ me wɔfa no hɔ. Ná makɔ nhyiam horow no bi pɛn wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa no so wo 1966 mu. Bere a Lary ka kyerɛɛ me sɛ ɛrenkyɛ na mprempren wiase nneɛma nhyehyɛe yi aba n’awiei no na misusuw sɛ gyama n’adwene asɛe. “So mɛpɛ sɛ me ne no sua Bible no?” Mepenee so a na mepɛ sɛ mihu nea ebefi mu aba. Misuaa ade mpɛn pii na mekɔɔ nhyiam ahorow no bi wɔ Ahenni Asa so, nanso mihui sɛ na ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ me ne wiase no bɛbɔ. Enti migyaee adesua no.

Me ne me nnamfo binom yɛɛ adwene sɛ yɛbɛkɔ akogyina California mpoano kwan a ɛkɔ Mendocino no so ahwɛ sɛ obi bɛfa yɛn akɔ a. Na bere a yɛretwɛn sɛ obi bɛba abɛfa yɛn akɔ wɔ ɔkwan no fã no, me mfɛfo a me ne wɔn retu kwan no mu biako huu Nyan! nsɛmma nhoma bi wɔ nsuka bi mu wɔ ɔkwan no fã nohoa. Esiane sɛ na onim sɛ me ne Adansefo no asua ade nti, ɔde maa me. Ná nsɛmma nhoma no kura asɛmti bi a ɛyɛ anigye sɛ, “So Aka Akyi Sen Sɛnea Wususuw?” Mehwɛe kakra, kaakae nea me wɔfa ba no aka akyerɛ me no, na afei metow too me bag no mu. Bere a miduu fie no mede nsɛmma nhoma no too me pon so, nanso ankyɛ na efi kɔtɔɔ akyi hɔ na ɛmaa me werɛ fii.

Bere bi akyi no, yɛtɔɔ marijuana pii na sɛ́ nea yɛde rehyɛ ho fã no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtõ keeki​—a marijuana ne ade titiriw a yɛde bɛto mu. Saa anɔpa no yedii keeki no araa ma yɛn nyinaa yareyaree. Akyiri no yɛkɔe sɛ yɛrekosiesie ofi no mu. Bere a me reprapra no, memaa me pon no so na nea efii akyiri hɔ tɔɔ fam ne saa Nyan! no. Bere a mihuu saa asɛmti no bio no, epusuw me ankasa! Ná ɛyɛ Kwasida, enti misii gyinae sɛ mɛkɔ Ahenni Asa so akotie adesua no bi. Mekɔɔ so kɔɔ nhyiam ahorow no wɔ ɛno akyi adapɛn pii na Adansefo no mu biako ne me suaa ade.

Nanso, ankyɛ na me nnamfo bɔne no maa m’anigye a emu asan ayɛ den no ano brɛɛ ase. Mesan gyaee adesua no bio. Ná bere biara a mɛte Yehowa Adansefo adwuma no ho asɛm anaasɛ mehu obi a na minim sɛ ɔyɛ ɔdansefo no, na mete nka sɛ minni ahotɔ koraa. Ná mempɛ sɛ mɛte Yehowa Adansefo ho asɛm bio

Me ne m’adamfo bi yɛɛ adwene sɛ yɛbɛkɔ Canada. Bere a yɛretotɔ nneɛma bi a yɛde betu kwan no, mihyiaa aberewa bi a na ɔredi gua. Obisaa me sɛ minim faako a obetumi anya nneɛma bi a ɔrehwehwɛ. Ná nnipa a wɔanyinyin ntaa mpɛ sɛ wɔbɛbɛn me na wɔne me akasa esiane sɛnea na m’ahosiesie te no nti. Nanso na ɔne me rekasa, na na ɔwɔ ayamye kɛse wɔ ɛno ho. Nanso bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ nneɛma a ɔretɔ no yɛ nea wɔde rekɔyɛ Ahenni Asa bi ho adwuma no​—ɛno maa nkɔmmɔbɔ no baa awiei. Saa asɛm no ma metee afobu nka.

Ankyɛ na yesii mu a yɛrekɔ Canada. Yɛfaa kurow bi a na yenim nkurɔfo wom mu na yɛtwɛnee wɔ hɔ nna kakraa bi. Bere a na yɛahyiam regye yɛn ani wɔ hɔ no, me ne abeawa bi kasae na mpofirim ara ofii ase kaa ne nuabea foforo a ɔwɔ kurow foforo bi so ho asɛm na ɔkae sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako! Nna bi akyi no yɛfaa mmeawa baanu bi a na wogyina kwan ho rehwɛ kwan sɛ obi bɛfa wɔn. Bere a na yɛrekɔ no, mpofirim ara wɔn mu biako fii ase kaa Yehowa Adansefo bi a wɔde bɔs bi abetwam ho asɛm! ‘Dɛn nti na obiara reka Yehowa Adansefo ho asɛm?’ Saa na mibisaa me ho a na mayɛ basaa.

Afei, yegyinae wɔ baabi a ɛbɛn Revelstoke, British Columbia, na yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ “yɛde bi begu mu,” kyerɛ sɛ, yɛbɛnom LSD no bi. Ankyɛ na mihui sɛ biribi atõto ankasa. Ná manom aduru no ma aboro so na mifii ase susuwii sɛ me dwensɔtoaa apae na ɛno na ama merewu no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ Onyankopɔn na wama aba saa efisɛ magyae Bible no sua.

Ɛyɛ saa bere no mu na mibuu nkotodwe no, na mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ mma onkum me, ne sɛ sɛ wankum me a mɛsom no. Mikyinkyinii ara kosii bere bi ansa na m’ani reba me ho so, na mihui sɛ ɛnyɛ nea merewu ankasa. Nanso da a edi hɔ no mede m’anim kyerɛɛ California a na mayɛ m’adwene sɛ mene Adansefo no bɛsan asua Bible no bio. M’abusuafo ho dwiriw wɔn ankasa bere a mekɔɔ beae a m’agya yɛ adwuma no a matwerɛw m’abogyesɛ no nyinaa, asiesie me ho kama, na mereka sɛ merebɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no! Na mabɔ me tirim sɛ megyae me kan asetra kwan a menam so no September 1, 1970.

Adapɛn kakra a edi kan no yɛɛ nea emu yɛ den yiye. Eduu baabi no meyɛɛ basaa araa ma mifii ase susuw ho ankasa sɛ mɛsan akɔ me su dedaw ne tebea a na mewom no mu bio. Nokwasɛm ne sɛ da koro awia bi de na anka meregyae ara nen bere a migyinae wɔ faako a wɔtɔn petrol sɛ merebɛtɔ bi no. Mihui sɛ na nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ beae yi no mu biako ani agye titiriw a ɔrebɔ hwirema reserew bere a ɔrebu petrol no agu kar ahorow mu no. “Wanya biribi a ɛrepia no ankasa,” saa na misusuwii. Bere a ɔbaa me kar no ho no, ohuu nhoma horow a wɔde sua Bible no biako wɔ m’akongua no so na obisaa me ho asɛm. Meka kyerɛɛ no sɛ me wɔfa yɛ ɔdansefo ne sɛ merekenkan nhoma no. Ɔde ne nsa faa kar no mfɛnsere no mu na okyiaa me bere a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ me sɛ ɔyɛ ɔdansefo a ofi asafo a ɛwɔ hɔ no mu no.

Saa nkɔmmɔbɔ biako pɛ no ara ne nea na mihia! Mikohuu me wɔfa na meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ misua ade no bio. Wɔ adeyɛ a efi Kristofo ayamye ankasa mu no, ɔne n’abusua no too nsa frɛɛ me sɛ memmɛtra wɔn nkyɛn bere a meresua ade no. Awiei koraa no wɔbɔ me asu wɔ November 21, 1970 mu, de yɛɛ me ho so a mahyira sɛ mɛsom Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Afe biako akyi wɔ November mu no, mifii ase somee sɛ daa ɔkwampaefo (bere nyinaa ɔsɛnkafo) . Wɔ May 1972 mu no mepenee nsa a wɔto frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Ɔwɛn-Aban Asafo no dwumadibea ti no so. Wɔ mfirihyia anan bi mu no, m’ani gyee hokwan a minyae sɛ mɛyɛ adwuma wɔ Asafo afuw no mu wɔ New York atifi fam no ho.

Afei metee sɛ Ahenni adwurubɔfo ho hia kɛse wɔ aman afoforo so. Enti mede abisade kɔe sɛ mepɛ sɛ mekɔ Ɔwɛn-Aban Bible Gilead Sukuu no bi, sukuu a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe a wɔde tete asɛmpatrɛwfo ma wɔde wɔn kɔ amanɔnne nsase so. Mekɔɔ sukuu yi na miwiei April 10, 1977 mu. April 21 mu na mekɔɔ Honduras a na masiesie me ho sɛ mɛboa afoforo ma wɔahu ɔkwan a ɛde anigye ankasa ba no. Mprempren manya hokwan resom sɛ ɔhwɛfo kwantuni, a mesrasra asafo ahorow dodow bi, a merebɔ mmɔden sɛ mɛsom wɔn a wɔn ani gye Bible no ne Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no ho no.

Bere a mitwa m’ani hwɛ m’akyi wɔ m’asetra mu no, metumi aka no nokwarem sɛ ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn a meresom no no na ama manya anigye, anigye ankasa, ɛnyɛ anigyede a wɔhwehwɛ wɔ asetra mu no. Ɛte sɛ nea odiyifo Yesaia kyerɛw too hɔ no sɛ: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, me ne nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17)​—Sɛnea R. Wagner ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Nnubɔne a wɔde di dwuma, nsa a wɔnom ma ɛtra so, aguamammɔ ne honam fam nneɛma akyidi​—na eyinom ne nneɛma a mete nka sɛ ɛde anigye ankasa bɛba.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Mekɔɔ ɔdan ketewaa no mu na mekɔfaa me ta a mede yɛ ha no. Mede agyan hyɛɛ mu, metwee mu na migyaee mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena