Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 12/8 kr. 3
  • Wiase Sikasɛm—Ɛhe Na Ɛde N’ani Akyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Sikasɛm—Ɛhe Na Ɛde N’ani Akyerɛ?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Bo A Ɛkɔ Soro—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi?
    Nyan!—1983
  • Nneɛma Bo Kɔ Ara Na Ɛrekɔ Soro Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nea Enti a Sikakorabea Ahorow no Bɔ Ka
    Nyan!—1987
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 12/8 kr. 3

Wiase Sikasɛm​—Ɛhe Na Ɛde N’ani Akyerɛ?

Dɛn Na Ɛbɛkyerɛ Ama Wo?

“WUNNIM sɛnea ɛyɛ den fa,” eyi ne asɛm a Ann kae. Ampa, na ofie a ɔte mu no yɛ fɛ, nanso na sika a ɛsɛ sɛ otua wɔ ho no yɛ ahodwiriw. Na ɛwom sɛ ne kunu akatua sõ de, nanso nneɛma bo a ayɛ den no mma enkosi baabiara. Ann se: “Dapɛn biara nneɛma bo kɔ soro, nanso sika a mede kɔ gua so no de, sɛnea ɛte ara na ɛte.” Enti ne ho kyere no bere nyinaa. Ose: “Meyɛɛ sɛ mɛkɔ akɔpɛ adwuma kakra ayɛ, nanso ɔmpɛ sɛ meyɛ saa.”

Baabi foforo nso no, Obibini kuafo bi a wɔfrɛ no Alion hyia ahokyere a ɛte saa ara. Nneɛma bo a Aban de sisi hɔ no kɔ fam araa ma ne kuayɛ no ho nni mfaso mpo. Bere a atwam no mu no, Alion se, “obiara bɔɔ mmɔden sɛ obedua pii asen okuafo foforo no. Afei de, wɔn nyinaa pɛ sɛ wodua pɛ.” Ɛho nni mfaso sɛ wɔbɛyere wɔn ho adua pii.

Dadwen ne haw ne nea yɛn bere a ahokyere wom kɛse yi de aba. Na akyinnye biara nni ho sɛ ɛka wo nso, a faako a wote wɔ asase so no mfa ho. Ɛkame ayɛ sɛ nsemmisa pii wɔ hɔ a ɛfa daakye ho: ‘So ɛsɛ sɛ metɔ bi mprempren ansa na ne bo akɔ soro? So ɛsɛ sɛ mede sika kakra a mede ato hɔ no hyɛ adwuma bi mu? So metumi anya awerɛhyem sɛ sikakorabea hɔ mpo yɛ baabi pa a ɛsɛ sɛ mede me sika kɔto?’

Saa dadwen ahorow yi nyɛ nea enni nnyinaso. Wɔ Amerika, sɛ nhwɛso no, sikakorabea ahorow pii gui wɔ 1982 mu sen afe foforo biara efi 1940 reba. Nnwuma ahorow a wɔbɔ ka mmoroso ma egu no akɔ soro ara ma ɛreyɛ ne 1930 mfe no mu a ahokyere kɛse bae no ayɛ pɛ. Sika a wɔde si boseabɔ ho no akɔ soro araa ma ahaw nnwuma pii, akɛse ne nketewa. Na asɛm no nyɛ nea ɛfa ɔman pɔtee bi pɛ ho. Ebia wode ahometew bebisa sɛ, ‘Enti ɛhe na wiase sikasɛm nhyehyɛe no de n’ani akyerɛ?’

Nokwarem no, obiara nnim sɛ ebia ɔkyena de sika fam yiyedi bi bɛba anaasɛ nneɛma mu bɛkɔ so ayɛ den. Sikasɛm nhyehyɛe no di adannan dodo. Nanso yebetumi de tumi aka faako a awiei koraa no wiase sikasɛm nhyehyɛe no bɛkɔ akowie ho asɛm. Nanso, eyi yɛ mu no, ɛsɛ sɛ yeyi adwene fi nneɛma bo a ɛyɛ den ne ahokyere a ɛwɔ hɔ no so na yɛhwehwɛ nea ɛde nnɛyi ɔhaw ahorow no aba ankasa no mu. Na, ɛyɛ nea ɛbɛboa sɛ yebedi kan asusuw sikasɛm nhyehyɛe no ho nsɛm bi a ɛhaw adwene ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena