Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 6/8 kr. 18
  • Nyamesom Wɔ Ntua Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyamesom Wɔ Ntua Ase
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Katolek Asɔre ne Okunkɛse No
    Nyan!—1998
  • Vatican ll​—Nhyira anaa Nnome?
    Nyan!—1993
  • Nea John Paul II Reyɛ—So Obetumi Aka N’asɔre A Emu Apaapae No Abom?
    Nyan!—1980
  • Nyamesom Gyina Ɔfã bi Akyi
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 6/8 kr. 18

Nyamesom Wɔ Ntua Ase

Wɔakyekyere Philippine Roman Katolek asɔfo ne mmea a wɔresua asɔfodi pii nnansa yi ara na wɔakunkum binom sɛ wɔyɛ nnipa a wotutu ɔman ase. Afei nso, “asraafo faa ɔkwan a emu yɛ den so a na asɔfo baanu din ka atuatewfo a wɔn a wɔkyeree wɔn bae nyaa akyɛde no ho,” saa na The New York Times bɔ amanneɛ. Na Philippine asraafo panyin no “bɔɔ asɔfo atuatewfo baanan a wɔwɔ Ilocos kusuu fam amantam no mu no kɔkɔ sɛ wɔmfa wɔn atuo ngu fam na wɔmfa wɔn ho mma anyɛ saa a wobehu amane koro no ara bi” te sɛ ɔsɔfo bi a wɔakum no no. Wɔ nsɛm bi a wobisabisaa wɔn maa BBC (Britania radio dwumadibea) mu no, wɔbɔ amanneɛ sɛ asɔfo baanan no mu biako kyerɛkyerɛɛ mu “sɛ wama akode so ahyɛ Aban esiane pɛ a ɔpɛ sɛ ɔne ahiafo ne nnipa a wɔhyɛ wɔn so benya ayɔnkofa nti.”

Wɔkyerɛ sɛ Nigeria polisifo ne nnipa a wɔnyɛ polisifo pii wuwui bere a nyamesom kuw bi a wogye wɔn ho di sɛ atuo ntumi wɔn ne polisifo a wɔwɔ mpɔtam hɔ koe nnanan no. Awiei koraa no wɔde atuo akɛse a ano yɛ den na ɛbrɛɛ saa nyamesom kuw yi mufo no ase. “Nnipa afoforo pii a saa kuw yi mufo buu wɔn sɛ wɔyɛ asɔretiafo ne abusufo no yɛ nea wɔde nkrante kunkum wɔn bere a na wɔakɔfa polisifo aba no mpo,” saa na amanneɛbɔ bi a ɛwɔ Times mu ka. Ná ɛyɛ asɛm a emu yɛ den foforo wɔ Nigeria kusuu fam nyamesom mu ntawntawdi ho abakɔsɛm a akyɛ no mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena