Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 6/8 kr. 6-7
  • Tebea A Asiane Wom A Ɛfa Abrabɔ Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tebea A Asiane Wom A Ɛfa Abrabɔ Ho
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyarewa—So Ɛto Betwa Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Sɛ Obi Taforo Obi Barima Ho Anaa Ɔbea Bi Ase a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɔne No Ada Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Nna A Edi Aware Anim
    Nyan!—2013
Nyan!—1983
g83 6/8 kr. 6-7

Tebea A Asiane Wom A Ɛfa Abrabɔ Ho

“WƆREDA ɔbarima ne ɔbea nna adi akyerɛ wɔ ɔmanfo anim daa wɔ nsɛmma nhoma mu, wɔ kyerɛw-pon akɛse a wɔde sisi kurom a wɔbɔ nneɛma ho dawuru wɔ so so, wɔ nhoma ahorow mu, wɔ sini ahorow mu, wɔ mmeae a wɔhwɛ agoru ahorow, ne wɔ television so . . . sɛ́ wobɛyɛ obi a ne bra asɛe wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu nyɛ ade a ɛyɛ nwonwa bio. Ɛyɛ nea wogye tom sɛ eye. Mmofra . . . a wɔn ho pere wɔn sɛ wobegye wɔn atom de wɔn ho hyem denam ɔbarima ne ɔbea nna ne ahohwibra a wɔsɔ hwɛ so. Saa ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe a anya nkɔso yi na ama mmaninyare ho asɛm adɔɔso no.”​—Efi nhoma Venereal Disease a E. R. Young kyerɛwee no mu.

Mmaninyare mu atrɛw akodu he, na ɛyɛ hu dɛn? Abu so wɔ baabiara Sɛnea Britania atesɛm krataa The Lancet a wogye tom kɛse no kyerɛ no, World Health Organization (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) bu akontaa sɛ afe biara mmaninyare a wɔfrɛ no kekae a etumi kum nnipa anaasɛ ɛma w’adwene sɛe no ka nnipa foforo bɛyɛ ɔpepem aduonu wɔ wiase nyinaa mprempren. Babaso a etumi sɛe obi awode na ɛma ne nipadua dwudwo no mpo retrɛw kɛse, na Wiase Akwahosan Ahyehyɛde no bu akontaa sɛ ɛkã nnipa foforo bɛyɛ ɔpepem ahanu ne aduonum afe biara.

Mmaninyare foforo a ɛte sɛ babaso yɛ nea ɛno nso retrɛw kɛse na wɔbɔ amanneɛ sɛ ɛkã nnipa bɛyɛ ɔpepem anum wɔ United States nkutoo. Wɔ yaw a ɛyɛ akyi no, etumi ma mmofra a wɔawo wɔn foforo wu anaasɛ ɛma wɔn adwene ho kã. Wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nea ɛnyɛ den koraa sɛ mmea a yare yi bi wɔ wɔn so benya akisikuru wɔ wɔn awode mu.

Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ bɔne ho no ntaa nnya mmaninyare. Nanso, kekae betumi aka wo denam obi a ebi wɔ ne so a wobɛfew n’ano so. Ɛdefa mmoawa a wɔde kekae ba ho no, nhoma Venereal Disease bɔ kɔkɔ sɛ: “Obi betumi anya bi afi obi anom ne denam ɔbarima awode a wɔde hyɛ wɔn anom no so nso.” Esiane mmarima awode a wɔde hyɛ wɔn anom a ɛrekɔ so no nti, ɛma kekae akuru ba “mmerante ne mmabaa menewam mpɛn pii . . . Sɛ wufew obi a . . . kekae akuru wɔ n’anom ano a, yare no bi betumi aka wo.”

Ɛnyɛ kura na obi betumi akura obu a ɔwɔ ma ne ho no mu denam pɛ a ɔbɛpɛ sɛ ɔtwe ne ho fi wiase a asɛe wɔ abrabɔ mu yi ho no so nko na mmom ebetumi aboa abɔ ne ho ban afi nyarewa bɔne ahorow ho. Wɔn a wɔte saa no ani sɔ Bible mu afotu no: “Munguan aguamammɔ! . . . nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne,” ‘na onya akatua a ɛsɛ ne nnaadaa n’ankasa mu.’​—1 Korintofo 6:18; Romafo 1:27.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena