Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 4/8 kr. 8-9
  • Dɛn na Wobetumi Ayɛ De Agye Asase No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wobetumi Ayɛ De Agye Asase No?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
  • Nuklea Akodi—Ɛda So Ara Yɛ Asiane?
    Nyan!—2004
  • Nuklea Ko—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nuklea Ho Asiane no Afi Hɔ Anaa?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 4/8 kr. 8-9

Dɛn na Wobetumi Ayɛ De Agye Asase No?

Will Earth Be Ruined in Nuclear War?

ƐSƐ SƐ sɛnea asiane no kɛse te no ka nnipa ma wɔsɛe wɔn nuklea akode ahorow no. Ɛnde dɛn na ɛka wɔn ma wɔfa ɔkwan a ɛbɔ eyi abira so no? So wowɔ gyidi ne ahotoso sɛ wiase akannifo bɛtra ase wɔ nhyiam bi ase na wɔabara nuklea akode?

Dɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛte saa da bi‘? Bere bɛn wɔ abakɔsɛm mu na nnipa abara akode ahorow a ɛyɛ hu kɛse a wɔyɛ no pɛn? Etumi traa hɔ daa? Saa awo ntoatoaso yi na esuaa sɛnea wɔde ade a wɔfrɛ no atom di dwuma wɔ akwan horow a enye so. So onipa betumi ayi saa nimdeɛ yi afi hɔ ntɛm ara sen sɛnea obetumi adi nneɛma ho dwuma? So obetumi de nimdeɛ a ɛte sɛɛ ahintaw awo ntoatoaso a edi hɔ no?

Adam mma, te sɛ wɔn agya no, adu baabi a wɔagye ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nea ɛbɛyɛ papa ne nea ɛbɛyɛ bɔne. Sɛnea wɔde atom no di dwuma ɔkwammɔne so ho nimdeɛ no trɛw. Ɛtra ahye ahorow, ahye ahorow a ɛfa tumidi ho, ɛpaapae mmusua ahorow mu ma wɔtentan wɔn ho. Afei dɛn bio?

Wɔ wiase nyinaa nuklea akodi mu no, baabiara nni hɔ a wobetumi ahintaw. Ahobammɔ ahorow bɛyɛ nea ɛho nni mfaso. Sɛ́ wubefi mu no kyerɛ guan a wubeguan afi ɔsɛe biako mu akɔ foforo mu. Aman abien a wɔwɔ nuklea akode akɛse no susuw sɛ nuklea nsraman a wɔde asi po so akohyɛn ahorow so betumi adu ɔfoforo no mpoano wɔ simma du ntam. Nsraman a wɔtow fi asasepɔn biako so kɔ foforo so a wɔbɛtow afi ɔman foforo so wɔ simma dunum anaa aduonu akyi. Wimhyɛn ahorow a wɔde di ako betumi adi akyi wɔ nnɔnhwerew bi mu. Nanso kɔkɔbɔ a wobetumi de ama aman ahorow abien no mu biara ntɛm koraa no bɛyɛ bere a wɔatow nsraman no akyi simma dunum. Ɛno yɛ bere a atopae no afi ase retotow no akyi simma anum.

Dɛn nti na nnipa gye asɛm yi tom sɛ nsɛmmɔnedi yɛ su a wɔde bɔɔ onipa? Ɛnyɛ saa na wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ. “Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.”​—Ɔsɛnkafo 7: 29.

So wuhu sɛ tumi bi a ɛboro ɔdesani de so reka nnipa akɔ ɔsɛe mu? Bible no da saa tumi no adi.

Saa tumi no fi honhom abɔde bi a aniwa ntumi nhu no. Saa onii a wonhu no yi ara na ofii atuatew no ase wɔ Eden. Wɔda no adi wɔ Kyerɛwsɛm no mu sɛ “ɔtweaseɛ kɛse,” anaa nea ɔpɛ obi amene no: “ɔwɔ dedaw,” anaa ɔdaadaafo; ntwirifo ne Onyankopɔn tamfo a wɔfrɛ no “Ɔbonsam ne Satan” no. Na Bible no ka sɛ “ɔdaadaa amanaman nyinaa.”​—Adiyisɛm 12:9.

Gye di, Satan nyɛ biribi a wɔka ho asɛmara kwa, ɔnyɛ anansesɛm mu nipa bi ara kwa. Ɔyɛ ɔteasefo ankasa. Ɔne atorofo nyi- naa wura. Ɔyɛ owudifo fi mfiase. (Yohane 8:44) Ahonhom afoforo a wɔatew atua, adaemone abɛka ne ho. Wɔn na wɔyɛ “wiase yi sum mu atumfo,” “ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” no.​—Efesofo 6:12.

So woasusuw nea enti a amammui nniso a ɛyɛ nhyɛso nhemman a akyɛ adi adesamma so no ho? Ɛyɛ Satan nnwuma, “wi yi ase nyame” a ‘wafura wɔn a wonnye nni no adwene ani’ no. (2 Korintofo 4:4) Wɔyɛ nniso ahorow yi ho mfonini wɔ Kyerɛwsɛm no mu sɛ mmoa a wɔn ho yɛ hu. Bible no kyerɛ sɛ adaemone no nam wɔn so “ka nsɛm a ɛho ntew.”-Adiyisɛm 16:13, 14, 16; Daniel 8:20- 22; Adiyisɛm 13.

Satan de atoro som, “Babilon Kɛse” a ɔyɛ oguamanfo no asi asase so ahenni horow no so nso. Ɔno nso abɛyɛ “ahonhommɔne trabere.”​—Adiyisɛm 17:5, 18; 18:2.

Wɔ wiase no awiei bere no mu no adesamma hu amane kɛse, “efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”​—Adiyisɛm 12:12.

So wowɔ bere a yɛte mu yi ho nkyerɛkyerɛmu a eye? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so na nnipa bɛfa asiw ɔsɛe afiri a wɔasum yi ano? Ma yɛmfa no sɛ wotumi yɛ eyi wɔ bere tiaa bi “asomdwoe ne ahotɔ” a wɔbɛka mu. So pae a wɔbɛpae mu aka “asomdwoe ne ahotɔ” no de asomdwoe anaa ɔsɛe na ɛbɛba?​—1 Tesalonikafo 5:3.

Sɛ asase bɛtra hɔ ma ahobrɛasefo atra so a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mmoa bi a efi akyiri baabi​—akyiri baabi a emfi tumi a ɛyɛ adwuma wɔ nnipa anaa adaemone mu​—gye no fi ɔsɛe mu. Amammui mmarahyɛ bagua, nyamesom bagua, nyansapɛ sukuu, nyansahu, ne mfiridwuma ho nimdeɛ biara nni hɔ a ebetumi de anidaso ketewaa bi mpo ama. Saa nnipa tumi horow yi yɛ nsraman ahorow a edi awu a ɛkã nea ɔtow no na ɛsɛe nkwa ho anidaso biara a ɛwɔ faako a ɛbɛkɔ akɔto.

Hena na yebetumi adan akɔ ne nkyɛn na wagye asase no? Ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ Onii a ɔbɔe no nkyɛn.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

So wuhu sɛ tumi bi a ɛboro ɔdesani de so repiapia nnipa akɔ ɔsɛe mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena