So Nyamesom Remem Anaa?
“Nnipa a wɔwɔ Switzerland pii nka bio sɛ wɔyɛ nyamesomfo, wɔnte nka sɛ wɔka nyamesom kuw biara ho, anaasɛ wɔpow sɛ wɔbɛma nsemmisa a ɛfa asɔre a wɔkɔ ho mmuae,” saa na Swiss atesɛm krataa Der Bund no ka. Nhwehwɛmu ahorow a ɛte saa ara fi Germany ba. Germanfo Sudwest Presse, rebɔ amanneɛ wɔ nhwehwɛmu bi a Germany Allensbach Institute yɛe ho no, ɛkyerɛ sɛ nnipa a wɔkɔ asɔre no dodow akɔ fam wɔ mfirihyia aduasa a abetwam yi mu. Katolekfo a wɔkɔ asɔre no so ahuan afi ɔha biara mu 82 aba ɔha biara mu 45, na Protestantfo de fi ɔha biara mu 53 aba ɔha biara mu 14. “Titiriw no, mmofra redan wɔn akyi akyerɛ asɔre ahorow a ɛwɔ hɔ no wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so,” saa na asɛm no ka.
Ɛwom sɛ wɔ United States no akuw ahorow bi anya nkɔanim wɔ nnipa dodow a wɔkɔ mu de, nanso nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ sɛ wɔ United States nyinaa no, asɔre ne nnipa dodow a wɔkɔ no so ahuan afi dodow a ɛsen biara wɔ 1958 mu a ɛne ɔha biara mu 49 no so aba mprempren de a ɛyɛ ɔha biara mu 40 no so.