Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 3/8 kr. 11
  • “Mommma Yɛn Werɛ Mfi . . . ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mommma Yɛn Werɛ Mfi . . . ”
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyidi ho Sɔhwɛ
    Nyan!—2004
  • Yɛde Nokwaredi Gyina Onyankopɔn Nniso Nkutoo Akyi
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Mitumi De Me Ho Too Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • M’awofo Anammɔn Akyi a Midi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 3/8 kr. 11

“Mommma Yɛn Werɛ Mfi . . . ”

Wɔ March 14, 1982 Manchester Guardian Weekly mu no, nsɛm a edi so yi puei wɔ nkrataa ahorow a wɔde kɔma ne samufo no mu, wɔ kratafa 2, wɔ asɛmti “Atirimɔdenne a Wɔyɛ Nnipa a Wofi Ahonim Mu Pow Nneɛma Ahorow Bi Yɛ” no ase:

“M’ani gyei kɛse sɛ mɛkenkan Harry Whewell asɛm ‘. . . Anaasɛ wɔabu mfe no fɔ’ (February 21) no. Ɔka ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛdan afiase a ɛwɔ Richmond Castle, Yorkshire no ayɛ no baabi a wɔkae nnipa a wofii wɔn ahonim mu powee sɛ wɔbɛyɛ nneɛma ahorow bi wɔ wiase nyinaa ko a edi kan mu, no bere nyinaa no, ho asɛm wom.

“Ayayade a wɔyɛɛ saa nnipa akokodurufo no a ɔka ho asɛm no kae me nea wɔyɛɛ m’adamfo Frank Platt a owui wɔ Mill Hill, London wɔ 1974 mu no. Ɔka wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Franse no ho, na wɔyɛɛ no ayayade a ɛso bi nni sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma akode so ahyɛ ne yɔnko nipa ne ne mfɛfo Kristofo.

“Wɔyɛɛ no ayayade bi a ɛne sɛ, wɔma ɔmaa ade a emu duru yɛ nkaribo 30 so kɔɔ soro baa fam, na wɔma ɔyɛɛ saa ara kosii sɛ awiei koraa no ɔbrɛe na ɔhwee ase. Ɔyɛɛ eyi wɔ asram abiɛsa a na aduan a odi ara ne brodo ne nsu no akyi. Ɔhwee ase akyi no wɔhyɛɛ no nnafua 18 a wɔde bɛyɛ no ayayade koro no ara bio.

“Bere a eyi atwam no wɔbɔɔ n’ani so mpɛn pii na afei wɔkyekyeree n’anan ne ne nsa fam dua ho wɔ ɔdan ketewaa bi mu fi anɔpa 8 kosi anwummere 8 a wɔma ogye n’ahome dɔnhwerew biako na wɔama no ɔmo a adwo ne nsu. Ofii hɔ no wɔde no kɔɔ ‘Black Hole of Le Havre,’ faako a wɔhwee nneduafo no bi mpo ma wowuwui no. Nea ɛyɛ anigye no Frank nyaa nkwa wɔ eyi mu na okuraa ne mudi mu.

“Bere a mihyiaa asɛm koro no ara bi wɔ 1950 mu no na nneɛma asesa koraa. Wɔde me kɔtoo afiase asram asia. Nanso te sɛ nea mo ɔkyerɛwfo no kae no, aman afoforo pii wɔ hɔ a wɔntee asɛm a ɛfa ahonim ho yi ase ara ɛ. Ɛyɛ ade a wɔn a wɔpɛ asomdwoe ne ɔdɔ no behyia wɔ wiase nyinaa. Mommma yɛn werɛ mfi sɛ na Germanfo mpempem pii nso wɔ hɔ a wofii ahonim mu pow nneɛma ahorow bi yɛ a na wɔn mu pii yɛ Yehowa Adansefo te sɛ Frank Platt a odii boro mfe du wɔ nneduaban ahorow mu no. Wɔn mu pii nso wuwui wɔ saa animguasebea ahorow no. Nanso nkonimdi no yɛɛ wɔn de.

“Eric Beveridge, 25 Columbia Heights, Brooklyn, N.Y. 11201.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena