Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 2/8 kr. 3
  • Nsa A Wɔnom Ma Ɛtra So—Asɛm A Emu Yɛ Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsa A Wɔnom Ma Ɛtra So—Asɛm A Emu Yɛ Den
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwɛ Wo Asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Sɛnea Wobɛka Nsã Ho Asɛm Akyerɛ Wo Mma
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Nsã Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsa Ne Wo
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 2/8 kr. 3

Nsa A Wɔnom Ma Ɛtra So​—Asɛm A Emu Yɛ Den

NSA a wɔnom ma ɛtra so yɛ asɛm a emu yɛ den a ɛka wo. Wubisa sɛ: “Me? Menyɛ ɔsadweam!” Nanso sɛnea ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa no, sɛ wonnom nsa koraa mpo a, wɔ ɔkwan biako anaa foforo so no nsa a wɔnom ma ɛtra so ka wo. Ɛkã obiara. Ɔkwan bɛn so?

Sɛnea National Council on Alcoholism (NCA) [Ɔman Bagua wɔ Asanom Bebrebe Ho] kyerɛ no, nnipa bɛyɛ ɔpepem du wɔ Amerika a wɔyɛ asadweam. Sɛ wususuw ho sɛ obi a ɔyɛ ɔsadweam biara kã nnipa afoforo bɛyɛ baanan tẽe, a ɛyɛ n’abusuafo a wɔbɛn a, na eyi kyerɛ sɛ asanom bebrebe ka nnipa afoforo bɛyɛ ɔpepem aduanan tẽe wɔ ɔkwan a enye so. Na, kae sɛ, ɛno yɛ ɔman biako pɛ mu.

Nanso ɛka wɔn wɔ ɔkwan bɛn so? Wiɛ, sɛ obi a wodɔ no nom nsa dodo a, ɛnde ebia ehu, aniwu, abasamtu ne mpo abufuw nyɛ ade foforo mma wo. Akontaabu ahorow a efi NCA da no adi sɛ anyɛ yiye koraa no awaregyae ne mmofra asoɔden ho nsɛm no mu ɔha biara mu 30, ofie ntɔkwaw ne basabasayɛ ahorow no mu ɔha biara mu 55 ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade ho nsɛm a wɔbɔ ho amanneɛ no mu bɛyɛ ɔha biara mu 90 fi nsa a wɔnom ma ɛtra so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ asɛm a emu yɛ den!

Bio nso, ɔhonam mu yaw ahorow wɔ hɔ. Nyarewa ahorow pii a mmerɛbo mu yare, koma yare, yafunu mu kuru, akutae ho a ɛtɔ kyima ne akisikuru ahorow ka ho yɛ nea efi asanom bebrebe. Enti, obi a ɔnom nsa kɛse no hu amane kɛse​—wɔ ne honam mu!

Nanso sɛ wonnom nsa mpo a, ɛka wo. Wutua sika pii wɔ wo ntama, ntade ne kar ho​—ampa wɔ nneɛma nyinaa ho​—esiane nsa a wɔnom ma ɛtra so nti. United States aban bu akontaa sɛ nsa a wɔnom ma ɛtra so ma wɔhwere dɔla ɔpepepem 20 afe biara denam adwumayɛ a ɛkɔ fam so. Ɛno kyerɛ sɛ ɛbɛma nneɛma bo ayɛ den bere a nneɛma a wɔyɛ no nyɛ papa.

Nsa a wɔnom ma ɛtra so ho asɛm no bɛyɛ den kɛse titiriw bere a onii no yɛ adwuma a ɛka afoforo nkwa no. Hwɛ asiane kɛse ara a mfomso a asanom bebrebe de ba no yɛ wɔ, sɛ nhwɛso no, mfirikafo, wimhyɛn akwankyerɛfo anaa nnuruyɛfo a wɔyɛ ɔperehyɛn no fam.

Woyɛ ofirikafo? Ɛnde, sɛnea NCA kyerɛ no, lɔre akwanhyia ahorow a emu yɛ den nyinaa mu ɔha biara mu 50 fi nsa a wɔnom ma ɛtra so (wɔn a wohu akwanhyia ahorow yi mu amane bi ne wɔn a wɔnam wɔn baabi) . Na ɛwom mpo sɛ wobɔ mmɔden sɛ woremma ofirikafo a wabow mfa ne de mmɛbɔ wo de mu de, nanso ne nsanom no ka wo bere a bere du sɛ worekotua wo kar no ahobammɔ (insurance) ho ka no.

Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ wɔ nnipa pii fam no, nsa yɛ ade a ɛma wɔn ani gye. Bere a wɔanom no wɔ ɔkwan a ɛfata so no, ɛte sɛnea empira wɔn. Enti ɛyɛ nea ɛfata sɛ yebisa sɛ: Dɛn ne asanom bebrebe ankasa? Wobɛyɛ dɛn atumi ahu? Dɛn na wobetumi ayɛ wɔ ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena